Skip to main content

Scripture

Kwadwom 5

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Kwadwom 5 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, kae nea aba yɛn so;hwɛ, na hu yɛn animguase.

AKCB: 2AKCB

Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho,wɔde yɛn afi ama ananafo.

AKCB: 3AKCB

Yɛayɛ nyisaa na yenni agyanom,yɛn nanom yɛ akunafo.

AKCB: 4AKCB

Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsu a yɛnom;yebenya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ.

AKCB: 5AKCB

Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ;Yɛabrɛ na yennya ahomegye.

AKCB: 6AKCB

Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiriasɛnea yebenya aduan a ɛbɛso yɛn.

AKCB: 7AKCB

Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wonni hɔ bio,na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.

AKCB: 8AKCB

Nkoa di yɛn so,na obiara nni hɔ a obegye yɛn afi wɔn nsam.

AKCB: 9AKCB

Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔre de pɛ yɛn anoduan,afoa a ɛwɔ sare so no nti.

AKCB: 10AKCB

Yɛn honam adɔ sɛ fononoo.Ɔkɔm ama atiridii abɔ yɛn.

AKCB: 11AKCB

Wɔato mmea mmonnaa wɔ Sion,ne mmabun a wɔwɔ Yuda nkurow so.

AKCB: 12AKCB

Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn;wɔmmfa nidi mma mpanyimfo.

AKCB: 13AKCB

Mmerante yɛ adwumaden wɔ awiyammo so;na mmerantewa nan toto wɔ nnyina duruduru ase.

AKCB: 14AKCB

Mpanyimfo ntena kuropɔn apon ano bio;mmerante agyae wɔn nnwonto.

AKCB: 15AKCB

Ahosɛpɛw afi yɛn koma mu;yɛn asaw adan agyaadwotwa.

AKCB: 16AKCB

Ahenkyɛw afi yɛn ti so.Yɛn ara, yennue sɛ yɛayɛ bɔne!

AKCB: 17AKCB

Eyi nti yɛn koma atɔ beraw,eyinom nti yɛn ani so ayɛ kusuu

AKCB: 18AKCB

wɔ Sion bepɔw a ada mpanna sakraman nenam so no nti.

AKCB: 19AKCB

Wo, Awurade, di hene afebɔɔ;wʼahengua fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.

AKCB: 20AKCB

Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn daa yi?Adɛn nti na wagyaw yɛn, mmere tenten mu yi?

AKCB: 21AKCB

Ka yɛn bata wo ho bio, Awurade, na yɛatumi asan aba wo nkyɛn;yɛ yɛn nna foforo sɛ tete no

AKCB: 22AKCB

gye sɛ woapo yɛn koraaanaasɛ wo bo afuw yɛn mmoroso.