Scripture
Yosua Nhoma 19
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Yosua Nhoma 19 Bible text
Asase no nkyemu a ɛto so abien no kɔɔ Simeon abusuakuw no nsam. Na Yuda asase atwa wɔn ho ahyia.
ne nkuraa a ɛwɔ anafo fam kosi Baalat-Beer, nea ɛwɔ Negeb a wɔfrɛ no Rama no.Eyi ne mmusua a wɔwɔ Simeon abusuakuw mu no agyapade.
Wɔn agyapade no yɛ Yuda de no fa bi a wɔde maa Yuda, efisɛ na Yuda asase no so dodo ma wɔn. Ɛno nti, Simeon abusuakuw no nyaa wɔn agyapade fii Yuda asase no mu.
Asase no nkyemu a ɛto so abiɛsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuw no nsam.Sebulon agyapade hye no fi ase wɔ Sarid.
Efi hɔ kɔ atɔe fam, kɔpa Marala ho na akɔka Dabeset. Ɛfa hɔ kɔ Yokneam apuei fam asuwa ho.
Ɔhye no fa fi Sarid kɔ apuei fam kosi Kislot-Tabor; ɛtoa so kɔ Daberat na aforo akɔ Yafia.
Nkurow ɛwɔ asase yi so ne: Katat, Nahalal, Simron, Yidala ne Betlehem. Nkurow dumien ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.
Ɔhye no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akowie wɔ Asubɔnten Yordan ho.Nkurow dunsia ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.
na ebukaw fa apuei fam kɔ Bet-Dagon, kɔ ara kosi Sebulon wɔ Yifta-El bon no mu, kɔ atifi fam kodu Bet-Emek ne Neiel. Ɛtoa so kɔ atifi fam, kɔfa Kabul,
Afei ɔhye no dan kɔfa Rama ne Kuropɔn Tiro a wɔabɔ ho ban no besi Po Kɛse no ho wɔ Hosa. Nkurow a ɛwɔ asase no so bi ne Mehebel ne Aksib,
Ne hye no fi Helef, Saananim dupɔn no ho, kɔfa Adami-Nekeb ne Yabneel, toa so kɔ Lakum kɔpem Asubɔnten Yordan.
Atɔe fam hye no twam wɔ Asnot-Tabor kɔ Hukok, kosi Sebulon hye no wɔ anafo fam, Aser hye wɔ atɔe fam ne Asubɔnten Yordan wɔ apuei fam.
Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-Anat ne Bet-Semes.Nkurow dunkron ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia.
Nanso Dan abusuakuw no nyaa akwanside wɔ wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wodii kurow no so, kunkum mu nnipa, faa hɔ, tenaa hɔ. Wɔde wɔn tete agya Dan din too kurow no.
Wɔkyekyɛɛ asase no mu maa Israel mmusuakuw no wiee no, Israelfo no maa Yosua asase sin sononko bi sɛ nʼagyapade.
Na Awurade aka se kurow biara a Yosua pɛ no, ɔmfa. Yosua faa Timmat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so. Ɔkyekyeree kurow no foforo na ɔtenaa hɔ.
Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar, Nun babarima Yosua ne mmusuakuw mpanyimfo no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ wɔ Awurade anim wɔ hyiadan pon no ano wɔ Silo no de maa Israel mmusuakuw no. Enti ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awiei.