Skip to main content

Scripture

Yosua Nhoma 12

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yosua Nhoma 12 Bible text

AKCB: 1AKCB

Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho.

AKCB: 2AKCB

Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so.Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.

AKCB: 3AKCB

Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase.

AKCB: 4AKCB

Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.

AKCB: 5AKCB

Na odii hene wɔ ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de kɔ atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.

AKCB: 6AKCB

Na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no.

AKCB: 7AKCB

Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade,

AKCB: 8AKCB

a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.)Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:

AKCB: 9AKCB

Yerikohene baakoAi a ɛbɛn Bet-El hene baako

AKCB: 10AKCB

Yerusalemhene baakoHebronhene baako

AKCB: 11AKCB

Yarmuthene baakoLakishene baako

AKCB: 12AKCB

Eglonhene baakoGeserhene baako

AKCB: 13AKCB

Debirhene baakoGaderhene baako

AKCB: 14AKCB

Hormahene baakoAradhene baako

AKCB: 15AKCB

Libnahene baakoAdulamhene baako

AKCB: 16AKCB

Makedahene baakoBet-Elhene baako

AKCB: 17AKCB

Tapuahene baakoHeferhene baako

AKCB: 18AKCB

Afekhene baakoLasaronhene baako

AKCB: 19AKCB

Madonhene baakoHasorhene baako

AKCB: 20AKCB

Simronhene baakoAksafhene baako

AKCB: 21AKCB

Taanakhene baakoMegidohene baako

AKCB: 22AKCB

Kedeshene baakoYokneam a ɛwɔ Karmel ase hene baako

AKCB: 23AKCB

Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, baakoamanaman a ɛwɔ Gilgal no hene ne baako

AKCB: 24AKCB

Tirsahene baako Ahemfo a wɔsɛe wɔn ne wɔn nkurow nyinaa ano si aduasa baako.Asase A Aka