Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yona Nhoma 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yona Nhoma 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

Yona wɔ apataa no yam no, ɔbɔɔ Awurade ne Nyankopɔn mpae se,

AKCB: 2AKCB

“Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade,na ogyee me so.Mifi ɔda ase tɔnn srɛɛ mmoana wutiee me sufrɛ.

AKCB: 3AKCB

Wotow me kyenee bun muwɔ po ase tɔnn,na ɔhweam twaa me ho hyiae;wʼasorɔkye ne mframabu faa me so.

AKCB: 4AKCB

Na mekae se, ‘Woapam me afi wʼanim;nanso mede mʼani bɛkyerɛwʼasɔredan kronkron no bio’

AKCB: 5AKCB

Nsu a abu afa me so no bɔɔ me hu,bun no twaa me ho hyiae;po mu nwura kyekyeree me ti ho.

AKCB: 6AKCB

Memem kɔɔ mmepɔw no ase pɛɛ;asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ.Nanso wugyee me nkwa fii amoa mu, Awurade, me Nyankopɔn.

AKCB: 7AKCB

“Bere a me nkwa resen akɔ no,mekaee wo Awurade,na me mpaebɔ foro baa wo nkyɛn,wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.

AKCB: 8AKCB

“Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuw ho nohwere adom a anka ɛyɛ wɔn de.

AKCB: 9AKCB

Nanso me, mede ayeyi nnwombɛbɔ afɔre ama wo.Nea mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ.Nkwagye fi Awurade.”

AKCB: 10AKCB

Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.