Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 28

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 28 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Beae a wotu dwetɛ wɔ hɔne beae a wɔnan sika kɔkɔɔ.

AKCB: 2AKCB

Wotu dade fi fam,na wɔnan kɔbere fi dadebo mu.

AKCB: 3AKCB

Onipa ma sum ba awiei;na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mukɔhwehwɛ dadebo wɔ sum kabii mu.

AKCB: 4AKCB

Wɔde fagudetu afiri hyɛ beae a ɛmmɛn ɔdesani atenae,mmeae a nnipa anan nsii hɔ da,baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na wodi aforosian.

AKCB: 5AKCB

Asase a ɛbɔ aduan no,wɔdan ase no te sɛ nea wɔde ogya na ayɛ;

AKCB: 6AKCB

hoabo fi nʼabotan muna sikakɔkɔɔ mpɔw nso wɔ ne mfutuma mu.

AKCB: 7AKCB

Ɔkɔre biara nnim saa kwan a ahintaw no,akoroma biara ani nhuu ɛ.

AKCB: 8AKCB

Mmoa ahantanfo nsi hɔna gyata nkɔdɛɛdɛɛ wɔ hɔ.

AKCB: 9AKCB

Onipa nsa paapae abotan dennenna ɔma mmepɔw ase da hɔ.

AKCB: 10AKCB

Otwa aka fa abotan mu,na ohu nʼademude nyinaa.

AKCB: 11AKCB

Ɔhwehwɛ baabi a nsubɔnten ti wɔna ɔda nneɛma a ahintaw adi.

AKCB: 12AKCB

“Nanso ɛhe na yebehu nea nyansa hyɛ?Ɛhe na ntease te?

AKCB: 13AKCB

Onipa renhu ne bo a ɛsom;wɔrenhu wɔ ateasefo asase so.

AKCB: 14AKCB

Na ebun ka se, ‘Enni me mu’;na po nso se, ‘Enni me nkyɛn.’

AKCB: 15AKCB

Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ ankasa ntɔ,na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne bo.

AKCB: 16AKCB

Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔapopobibiribo anaa hoabo nso saa ara.

AKCB: 17AKCB

Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho,na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinne nsesa.

AKCB: 18AKCB

Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahene panyin ne ahwehwɛbo din;nyansa bo sen nhene pa.

AKCB: 19AKCB

Etiopia akraatebo ne no nsɛ;wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronkron ntɔ.

AKCB: 20AKCB

“Ɛno de, na ɛhe na nyansa fi?Ɛhe na ntease te?

AKCB: 21AKCB

Wɔde asie abɔde biara ani,wɔde asie wim nnomaa mpo.

AKCB: 22AKCB

Ɔsɛe ne Owu ka se,‘Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.’

AKCB: 23AKCB

Onyankopɔn te ɔkwan a ɛkɔ hɔ ase,na ɔno nko ara na onim faako a ɛte,

AKCB: 24AKCB

efisɛ ɔhwɛ kodu nsase anona ohu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase.

AKCB: 25AKCB

Bere a ɔhyɛɛ mframa ano den too hɔna osusuw nsuwa no,

AKCB: 26AKCB

bere a ɔkaa no ɔhyɛ so kyerɛɛ osutɔna otwaa kwan maa aprannaa no,

AKCB: 27AKCB

afei ɔhwɛɛ nyansa na ɔkarii no hwɛe;na ogyee no too mu na ɔsɔɔ no hwɛe.

AKCB: 28AKCB

Na ɔka kyerɛɛ onipa se,‘Awurade suro, ɛno ne nyansa;na sɛ wokyi bɔne, yɛ ntease.’ ”