Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 26

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 26 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Hiob kasaa bio se,

AKCB: 2AKCB

“Woaboa nea onni tumi!Woagye basa a enni ahoɔden!

AKCB: 3AKCB

Woatu nea onnim nyansa fo!Na woada nhumu pa ara adi!

AKCB: 4AKCB

Hena na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi?Hena honhom na ɛkasa faa wo mu?

AKCB: 5AKCB

“Awufo wɔ ahoyeraw kɛse mu,wɔn a wɔwɔ nsu ase ne nea ɛte mu nyinaa.

AKCB: 6AKCB

Asaman da adagyaw Onyankopɔn anim;Ɔsɛe nso nni nkataso.

AKCB: 7AKCB

Ɔtrɛw wim atifi fam kata nea ɛda mpan so;na ɔde asase sensɛn ohunu so.

AKCB: 8AKCB

Ɔbɔ nsu boa hyɛ ne omununkum mu,nanso nsu no mu duru ntumi mpae no.

AKCB: 9AKCB

Ɔtrɛw ne omununkum mude kata ɔsram ani.

AKCB: 10AKCB

Ɔhyɛ agyirae wɔ nsu sode to ɔhye wɔ hann ne sum ntam.

AKCB: 11AKCB

Ɔsoro nnyinaso wosow,na nʼanimka ma wɔn ho dwiriw wɔn.

AKCB: 12AKCB

Ɔde ne tumi wosow pone nyansa mu, otwitwaa Rahab mu asinasin.

AKCB: 13AKCB

Ɔde ne home maa wim tewee;na ne nsa wɔɔ ɔwɔ a ɔrewea.

AKCB: 14AKCB

Eyinom yɛ ne nnwuma kakraa bi;ne tumi kakraa bi kɛkɛ!Na hena na obetumi ate ne tumi mmubomu no ase?”