Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 20

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 20 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Naamani Sofar buae se,

AKCB: 2AKCB

Me tirim mu ntew me, na ɛhyɛ me sɛ mimmuaefisɛ me ho yeraw me yiye.

AKCB: 3AKCB

Mate animka bi a egu me ho fi,na ntease a minya no hyɛ me sɛ mimmua.

AKCB: 4AKCB

“Ampa ara wunim sɛnea nneɛma te fi tete,efi bere a wɔde nnipa duaa asase so no,

AKCB: 5AKCB

sɛ amumɔyɛfo ani gye bere tiaa bi mu,na wɔn a wonsuro nyame nso anigye nkyɛ.

AKCB: 6AKCB

Ɛwɔ mu sɛ nʼahohoahoa kodu ɔsoro,na ne ti kɔpem omununkum koraa a,

AKCB: 7AKCB

ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa nʼagyanan;na wɔn a wohuu no no bebisa se, ‘Ɔwɔ he?’

AKCB: 8AKCB

Otu kɔ te sɛ ɔdae, na wɔrenhu no bio,wɔn werɛ fi te sɛ anadwo mu anisoadehu.

AKCB: 9AKCB

Ani a ehuu no no renhu no bio;na ne sibea nso renhu no bio.

AKCB: 10AKCB

Ne mma bɛpata ahiafo;ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya san ma.

AKCB: 11AKCB

Ne mmerantebere mu ahoɔden a ahyɛ ne nnompe ma none no bɛkɔ mfutuma mu.

AKCB: 12AKCB

“Ɛwɔ mu sɛ bɔne yɛ nʼanom dɛna ɔde sie ne tɛkrɛma ase,

AKCB: 13AKCB

ɛwɔ mu sɛ ontumi nnyaa muna ɔma ɛka ne dudom,

AKCB: 14AKCB

nanso, nʼaduan bɛyɛ nwen wɔ ne yafunu mu;ɛbɛyɛ ɔwɔ ano bɔre wɔ ne mu.

AKCB: 15AKCB

Ɔbɛfe ahonyade a ɔmenee no;Onyankopɔn bɛma ne yafunu apuw agu.

AKCB: 16AKCB

Ɔbɛfefe awɔ bɔre;Ɔnanka se bekum no.

AKCB: 17AKCB

Ɔrennya nsuwansuwa no nnomnsubɔnten a nufusu ne ɛwo sen wɔ mu no.

AKCB: 18AKCB

Ɔbɛdan nea ɔbrɛ nyae no aba a ɔrenni bi;ɔremfa nʼaguadi mu mfaso nnye nʼani.

AKCB: 19AKCB

Efisɛ ɔhyɛɛ ahiafo so ma wodii ohia buruburoo;ɔde ne nsa ato afi a ɛnyɛ ɔno na osii so.

AKCB: 20AKCB

“Ampa ara ɔrennya ahomegye mfi nea wapere anya no mu;ɔrentumi mfa nʼademude nnye ne ho nkwa.

AKCB: 21AKCB

Wafom nneɛma nyinaa awie;ne nkɔso nnu baabiara.

AKCB: 22AKCB

Nʼadedodow nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu;na amanehunu a emu yɛ den bɛto no.

AKCB: 23AKCB

Bere a nʼafuru ayɛ ma no,Onyankopɔn bɛtɔ nʼabufuw gya agu ne sona wabobɔ no basabasa.

AKCB: 24AKCB

Ɛwɔ mu sɛ oguan fi dade akode anonanso bɛmma a ano yɛ kɔbere mfrafrae bɛwɔ no.

AKCB: 25AKCB

Ɔtwe bɛmma no fi nʼakyi,ano hyɛnhyɛn no fi ne brɛbo mu.Ehu bɛba ne so;

AKCB: 26AKCB

sum kabii retwɛn nʼademude.Ogya a ɛnnɛw mu bɛhyew no,na asɛe nea aka wɔ ne ntamadan mu.

AKCB: 27AKCB

Ɔsoro bɛda nʼafɔdi adi,na asase asɔre atia no.

AKCB: 28AKCB

Nsuyiri bɛtwe ne fi akɔ,saa ara na asuworo bɛyɛ Onyankopɔn abufuwhyew da no.

AKCB: 29AKCB

Eyi ne nkrabea a Onyankopɔn de ma amumɔyɛfo,agyapade a Onyankopɔn de ato hɔ ama wɔn ne no.”