Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 38

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 38 Bible text

AKCB: 1AKCB

Matan babarima Sefatia, Pashur babarima Gedalia, Selemia babarima Yukal ne Malkia babarima Pashur tee nsɛm a na Yeremia reka akyerɛ nnipa no nyinaa se,

AKCB: 2AKCB

“Sɛɛ na Awurade se: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu no bewu wɔ afoa, ɔkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafo afa no benya nkwa. Obenya ne ti adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu.

AKCB: 3AKCB

Na sɛɛ na Awurade se, ‘Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene asraafo nsa, na wɔn na wobedi so.’ ”

AKCB: 4AKCB

Ɛno nti adwumayɛfo no ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɛsɛ sɛ wokum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafo a wɔaka wɔ kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiyedi na mmom wɔn sɛe.”

AKCB: 5AKCB

Ɔhene Sedekia buae se, “Ɔwɔ mo nsam, ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.”

AKCB: 6AKCB

Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfo adiwo no mu. Wɔde ntampehama gyaagyaa no too abura no mu; na nsu nni mu, mmom dontori na na ɛwɔ mu, enti Yeremia kɔhyɛɛ dontori no mu.

AKCB: 7AKCB

Na Ebed-Melek Kusni odwumayɛni a ɔwɔ ahemfi hɔ tee sɛ wɔde Yeremia akɔto abura no mu. Bere a ɔhene no te Benyamin Pon hɔ no,

AKCB: 8AKCB

Ebed-Melek fii ahemfi hɔ kɔka kyerɛɛ no se,

AKCB: 9AKCB

“Ɔdɛɛfo, nea saa nnipa yi ayɛ nyinaa yɛ amumɔyɛsɛm a etia odiyifo Yeremia. Wɔatow no akyene abura mu, baabi a ɔkɔm bekum no wɔ bere a brodo asa wɔ kuropɔn yi mu.”

AKCB: 10AKCB

Na ɔhene hyɛɛ Kusni, Ebed-Melek se, “Fa mmarima aduasa fi ha ka wo ho, na munkoyi odiyifo Yeremia mfi abura no mu, ansa na wawu.”

AKCB: 11AKCB

Ɛno nti Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, wɔ ahemfi hɔ. Ɔkɔsesaw ntamagow ne ntade dedaw de kyekyeree ntampehama ho, gyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu.

AKCB: 12AKCB

Na Kusni, Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia se, “Fa ntamagow ne ntade dedaw no hyehyɛ wo mmotuam, na ntampehama no ammia wo.” Na Yeremia yɛɛ saa,

AKCB: 13AKCB

Wɔde ntampehama no twetwee no yii no fii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfo adiwo hɔ.

AKCB: 14AKCB

Na Ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifo Yeremia baa Awurade asɔredan ano kwan a ɛto so abiɛsa hɔ. Ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia se, “Merebebisa wo asɛm bi, mfa biribiara nsie me.”

AKCB: 15AKCB

Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia se, “Sɛ mema wo mmuae a, worenkum me ana? Mpo sɛ mitu wo fo a, worentie me.”

AKCB: 16AKCB

Nanso ɔhene Sedekia kaa saa ntam yi kokoa mu kyerɛɛ Yeremia se, “Sɛ Awurade a ɔma yɛn nkwa no te ase yi, merenkum wo na meremfa wo nhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wo no nsa.”

AKCB: 17AKCB

Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia se, “Sɛɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no se: ‘Sɛ wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfo a, wɔrenkum wo na wɔrenhyew kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafo bɛtena nkwa mu.

AKCB: 18AKCB

Na sɛ woremfa wo ho mma Babiloniahene adwumayɛfo a, wɔde saa kuropɔn yi bɛma Babiloniafo, na wɔbɛhyew no dwerɛbee; na wo ankasa rentumi nguan mfi wɔn nsam.’ ”

AKCB: 19AKCB

Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia se, “Misuro Yudafo a wɔkɔ Babiloniafo afa no, efisɛ ebia Babiloniafo no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayayade.”

AKCB: 20AKCB

Yeremia buae se, “Wɔremfa wo mma wɔn. Tie Awurade asɛm na yɛ nea meka kyerɛ wo. Ɛno na ɛbɛma asi wo yiye na woanya nkwa.

AKCB: 21AKCB

Nanso sɛ woamfa wo ho amma Babiloniafo no de a, nea Awurade ayi akyerɛ me ni:

AKCB: 22AKCB

Mmea a wɔaka wɔ Yudahene ahemfi hɔ nyinaa no, wɔde wɔn befi adi abrɛ Babiloniahene adwumayɛfo no. Saa mmea no bɛka akyerɛ wo se,“ ‘Wɔdaadaa wo na wodii wo sowo nnamfonom a wugye wɔn di no.Wʼanan amem wɔ dontori mu;wo nnamfonom agyaw wo hɔ kɔ.’

AKCB: 23AKCB

“Wɔde wo yerenom nyinaa ne wo mma bɛbrɛ Babiloniafo no. Wo de, worentumi nguan mfi wɔn nsam, na mmom Babiloniahene bɛkyere wo, na wɔbɛhyew saa kuropɔn yi.”

AKCB: 24AKCB

Na Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia se, “Mma obiara nte saa nkɔmmɔdi yi, anyɛ saa a, wubewu.

AKCB: 25AKCB

Sɛ adwumayɛfo no te sɛ me ne wo kasae, na wobebisa wo se, ‘Ma yɛnte nea woka kyerɛɛ ɔhene ne nea ɔhene nso ka kyerɛɛ wo; mfa nsie yɛn anyɛ saa a yebekum wo a,’

AKCB: 26AKCB

ɛno de ka kyerɛ wɔn se, ‘Na meresrɛ ɔhene sɛ ɔmmfa me nsan nkɔ Yonatan fi mma me nkowu wɔ hɔ.’ ”

AKCB: 27AKCB

Adwumayɛfo no nyinaa baa Yeremia hɔ bebisaa no, na ɔkaa nea ɔhene hyɛɛ no se ɔnka no nyinaa. Enti wɔanka hwee ankyerɛ no bio, efisɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔtwetwe no.

AKCB: 28AKCB

Na Yeremia tenaa ɔwɛmfo adiwo hɔ kosii da a wɔfaa Yerusalem.Wɔfa YerusalemSɛnea wɔfaa Yerusalem ni: