Scripture
Odiyifo Yeremia Nhoma 30
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yeremia Nhoma 30 Bible text
Nna bi reba,’ sɛnea Awurade se, ‘a mede me nkurɔfo Israelfo ne Yudafo befi nnommum mu asan aba na mede wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so no so,’ Awurade na ose.”
Mummisa na munhu:Ɔbarima betumi awo mma ana?Afei, adɛn nti na mihu ɔbarima hoɔdenfo biarasɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu,na anim biara ayɛ bosaa saa?
Sɛnea da no bɛyɛ hu afa!Da biara renyɛ sɛ ɛno.Ɛbɛyɛ amanehunu bere ama Yakob,nanso wobeyi no afi mu.
“ ‘Saa da no,’ Asafo Awurade na ose,‘Mebubu konnua no afi wɔn kɔn mu,na matetew wɔn nkyehama no mu;ananafo remfa wɔn nyɛ nkoa bio.
“ ‘Enti nsuro, Yakob, me somfo;mma wʼaba mu mmu, Israel,’nea Awurade se ni.‘Nokware, megye wo afi akyirikyiri,ne wʼasefo afi wɔn nnommum asase so.Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔna obiara renhunahuna no bio.
Me ne wo wɔ hɔ na megye wo nkwa,’ Awurade na ose.‘Ɛwɔ mu, mesɛe amanaman no nyinaa pasaa,emu na mebɔ mo ahwete kɔ,nanso merensɛe mo korakora.Mɛteɛteɛ mo, nanso mɛyɛ no wɔ trenee kwan so;meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’
Wʼapamfo nyinaa werɛ afi wo;wo ho biribiara mfa wɔn ho.Mabɔ wo sɛnea wo tamfo bɛyɛna matwe wʼaso sɛnea otirimɔdenfo bɛtwe,efisɛ wʼafɔdi so dodona wʼamumɔyɛ nso dɔɔso.
Adɛn nti na wusu dennen wɔ wʼapirakuru,wo yawdi a ano nni aduru no ho?Wʼafɔdi kɛse ne wʼamumɔyɛ bebrebe ntina mede saa nneɛma yi ayɛ wo.
“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;mo atamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu.Wɔn a wɔfow mo no wɔbɛfow wɔnwɔn a wɔtow hyɛɛ mo so no, mɛtow ahyɛ wɔn so.
Nanso mɛma wo ahoɔden biona masa wʼapirakuru,’ Awurade na ose,‘efisɛ wɔfrɛ wo nea wɔapam no,Sion a wo ho nhia obiara.’ ”
Sɛɛ na Awurade se:“ ‘Mɛsan de Yakob ntamadan mu ahonyade abana manya ayamhyehye ama nʼatenae ahorow no;wɔbɛkyekye kuropɔn no bio wɔ ne mmubui so,na ahemfi no besi nea ɛsɛ sɛ esi.
Wɔn mu na aseda nnwom befi abane ahosɛpɛw nnyigyei.Mɛma wɔadɔɔso,na wɔn dodow no so rentew;mɛhyɛ wɔn anuonyam,na wɔremmu wɔn abomfiaa.
Wɔn mma bedi yiye sɛ kan no,mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim;wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.
Wɔn kannifo bɛyɛ wɔn ankasa nipa;na wɔn sodifo befi wɔn mu.Mɛka no abata me ho na wabɛn me,na hena na ɔde ne ho bɛmasɛ ɔbɛbɛn me?’ ” Awurade na ose.
Awurade abufuw rennwokosi sɛ obewiene koma mu nhyehyɛe nyinaa.Nna a ɛreba no mu nomobɛte eyi ase.