Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 25

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 25 Bible text

AKCB: 1AKCB

Asɛm a ɛfa Yudafo nyinaa ho baa Yeremia nkyɛn wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan a ɛyɛ Babiloniahene Nebukadnessar adedi afe a edi kan no mu.

AKCB: 2AKCB

Enti odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa se,

AKCB: 3AKCB

Mfe aduonu abiɛsa ni, efi Yudahene Amon babarima Yosia adedi afe a ɛto so dumiɛnsa besi nnɛ, Awurade asɛm aba me so na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso muntiei ɛ.

AKCB: 4AKCB

Mpo Awurade asoma nʼasomfo a wɔyɛ nʼadiyifo aba mo nkyɛn mpɛn bebree, na muntiee wɔn, na monyɛɛ aso mmaa wɔn ɛ.

AKCB: 5AKCB

Wɔkae se, “Mo mu biara mfi nʼakwan bɔne ne ne nneyɛe bɔne ho, na mubetumi atena asase a Awurade de maa mo ne mo agyanom no so afebɔɔ.

AKCB: 6AKCB

Munni anyame foforo akyi nkɔsom wɔn, nsɔre wɔn; mommfa nea mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuw. Afei merenhaw mo.”

AKCB: 7AKCB

“Nanso moantie me,” Awurade na ose, “na mode nea mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuw, na mode ɔhaw aba mo so.”

AKCB: 8AKCB

Afei nea Asafo Awurade se ni: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no nti,

AKCB: 9AKCB

mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ose, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sofo, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiriwde ne fɛwdi, ne amamfo afebɔɔ.

AKCB: 10AKCB

Meyi ahosan ne anigye nnyigyei, ayeforokunu ne ayeforo nne, awiyammo nnyigyei ne kanea hann afi wɔn mu.

AKCB: 11AKCB

Ɔman mu no nyinaa bɛdan asase wosee, na saa amanaman yi bɛsom Babiloniahene mfirihyia aduɔson.

AKCB: 12AKCB

“Na mfirihyia aduɔson awiei no, mɛtwe Babiloniahene ne ne man, Babiloniafo asase aso wɔ wɔn amumɔyɛ ho, mɛdan no amamfo afebɔɔ,” sɛnea Awurade se ni.

AKCB: 13AKCB

“Mɛma asotwe a mahyɛ atia asase no nyinaa aba wɔn so, nea wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu na Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia aman no nyinaa no.

AKCB: 14AKCB

Wɔn ankasa de, amanaman bebree ne ahempɔn de wɔn bɛyɛ nkoa; na metua wɔn nneyɛe ne wɔn nsa ano adwuma so ka.”

AKCB: 15AKCB

Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuwhyew nsa ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom.

AKCB: 16AKCB

Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam esiane afoa a mɛsoma akɔ wɔn so no nti.”

AKCB: 17AKCB

Ɛno nti, migyee kuruwa no fii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomee:

AKCB: 18AKCB

Yerusalem ne Yuda nkurow, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfo sɛ wɔnyɛ ɔsɛe, aninyanne, animɔharefo ne nnome, sɛnea wɔte nnɛ da yi.

AKCB: 19AKCB

Misraimhene Farao, nʼasomfo, nʼadwumayɛfo ne ne manfo nyinaa,

AKCB: 20AKCB

ananafo a wɔwɔ hɔ nyinaa;Us ahemfo;Filistifo ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagyaw wɔn wɔ Asdod);

AKCB: 21AKCB

Edom, Moab ne Amon;

AKCB: 22AKCB

Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa;ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ po agya no;

AKCB: 23AKCB

Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no;

AKCB: 24AKCB

Arabia ahemfo ne ananafo ahemfo nyinaa a wɔtete nweatam so no.

AKCB: 25AKCB

Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa;

AKCB: 26AKCB

ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahenni ahorow.Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.

AKCB: 27AKCB

“Afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: Monnom, mommobow na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, esiane afoa a mɛsoma aba mo so no nti.’

AKCB: 28AKCB

Na sɛ wɔampɛ sɛ wogye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Ɛsɛ sɛ monom!

AKCB: 29AKCB

Monhwɛ, merebefi ase de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso ana? Wɔbɛtwe mo aso, efisɛ merefrɛ afoa aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ose.’

AKCB: 30AKCB

“Afei hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn se,“ ‘Awurade befi ɔsoro abobɔ mu;ɔbɛma ne nne so afi ne tenabea kronkron hɔ,na wabobɔ mu dennen atia nʼasase.Ɔbɛteɛ mu te sɛ wɔn a wotiatia bobe aba so,ɔbɛteɛ mu agu wɔn a wɔtete asase no so no so.

AKCB: 31AKCB

Huuyɛ begyigye akɔ nsase ano,na Awurade bɛbɔ kwaadu, atia amanaman;obebu adesamma nyinaa atɛnna ɔde amumɔyɛfo ama afoa,’ ” Awurade na ose.

AKCB: 32AKCB

Sɛɛ na Asafo Awurade se:“Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛwfi ɔman so kɔ ɔman foforo so;ahum kɛse bi rema ne ho soafi nsase ano.”

AKCB: 33AKCB

Saa bere no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, fi asase ano kosi ano nohɔ. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam.

AKCB: 34AKCB

Munsu na muntwa adwo, mo nguanhwɛfo;mommunummunum wɔ mfutuma mu, mo nguankuw ntuanofo.Mo kum bere no adu;mobɛhwehwe ase sɛ adwennini a wɔadodɔ.

AKCB: 35AKCB

Nguanhwɛfo no rennya baabiara nguan nkɔ,na nguankuw no ntuanofo no rennya kwan nguan.

AKCB: 36AKCB

Muntie nguanhwɛfo no su,ne nguankuw no ntuanofo agyaadwotwa,efisɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.

AKCB: 37AKCB

Sare nsase a asomdwoe wɔ so no bɛda mpanesiane Awurade abufuwhyew no nti.

AKCB: 38AKCB

Obefi ne tu mu sɛ gyata,na wɔn asase bɛda mpanesiane nnomumfafo no afoane Awurade abufuwhyew no nti.