Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 52

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 52 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nyan, nyan, Sion,hyɛ ahoɔden adurade no.Hyɛ wo ntade fɛɛfɛ noYerusalem kuropɔn kronkron no.Momonotofo ne wɔn a wɔn ho agu firenwura wʼapon mu bio.

AKCB: 2AKCB

Poroporow wo ho mfutuma.Sɔre, tena ahengua so, Yerusalem.Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no fi wo kɔn mu,Ɔbabea Sion a wɔafa wo nnommum.

AKCB: 3AKCB

Na sɛɛ na Awurade se:“Wɔantɔn wo annye hwee,na ɛnyɛ sika na wɔde begye wo.”

AKCB: 4AKCB

Na sɛɛ na Otumfo Awurade se:“Bere bi me nkurɔfo kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ;akyiri no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so.

AKCB: 5AKCB

“Na mprempren dɛn na mewɔ wɔ ha?” Sɛɛ na Awurade se.“Wɔafa me nkurɔfo kɔ kwa,na wɔn sodifo di fɛw,” Awurade na ose.“Da mu no nyinaawɔkɔ so gu me din ho fi.

AKCB: 6AKCB

Enti me nkurɔfo behu me din;enti da no wobehu sɛɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm.Yiw, ɛyɛ me.”

AKCB: 7AKCB

Hwɛ sɛnea wɔn a wɔde asɛmpa no rebaanammɔn si yɛ fɛ wɔ mmepɔw no so,wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm,wɔn a wɔbɔ amanneɛdɛ,wɔn a wɔpae mu ka nkwagye ho asɛmna wɔka kyerɛ Sion se,“Mo Nyankopɔn di hene.”

AKCB: 8AKCB

Muntie! Mo awɛmfo ma wɔn nne so;wɔbɔ mu de anigye teɛ mu.Sɛ Awurade san ba Sion a,wɔde wɔn ani behu.

AKCB: 9AKCB

Mommɔ mu ntue anigye nnwonto,mo Yerusalem nnwiriwii,efisɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfo werɛwagye Yerusalem.

AKCB: 10AKCB

Awurade beyi ne basa kronkron no howɔ amanaman nyinaa animna asase ano nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye.

AKCB: 11AKCB

Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ!Mommfa mo ho nnka biribiara a ho ntew.Mumfi ho na mo ho ntew,mo a mukurakura Awurade nkuruwa.

AKCB: 12AKCB

Morentutu mmirika mfi haanaa morenguan;efisɛ Awurade bedi mo anim,Israel Nyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.

AKCB: 13AKCB

Hwɛ, me somfo bedi yiyewɔbɛma no so ayɛ no ɔkɛse.

AKCB: 14AKCB

Nea ɛmaa dodow a wohuu no ho dwiriw wɔn no,wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara dena nʼabɔsu sɛe a ɛnsɛ ɔdesani de,

AKCB: 15AKCB

saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiriw wɔnna ahemfo bemuamua wɔn ano, ne nti.Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu,na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.