Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 50

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 50 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛɛ na Awurade se:“Ɛhe na awaregyae ho adansedi nhoma,nea migyinaa so gyaa no kwan no wɔ?Anaa sɛ mʼadefirifo mu henana metɔn wo maa no?Wo bɔne nti na wɔtɔn wo;Wʼamumɔyɛ nti na wɔpam wo na.

AKCB: 2AKCB

Mebae no, adɛn nti na na obiara nni hɔ?Mefrɛe no, adɛn nti na obiara annye so?Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ebegye wo ana?Minni ahoɔden a mede begye wo ana?Mede mʼanimka kɛkɛ no ma po yow,medan nsubɔnten nweatammu mpataa porɔw esiane nsu a wonnya ntina osukɔm kum wɔn.

AKCB: 3AKCB

Mede sum fura ɔsorona mema atweaatam yɛ ne nkataho.”

AKCB: 4AKCB

Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛmasɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfo den.Onyan me anɔpa biara,na obue mʼaso ma mitie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.

AKCB: 5AKCB

Otumfo Awurade abue mʼasona menyɛɛ otuatewfo ɛ;na mensan mʼakyi ɛ.

AKCB: 6AKCB

Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me,ne mʼafono maa wɔn a wotutu mʼabogyesɛ.Mamfa mʼanim anhintaw wɔnfɛwdi ne ntasu ho.

AKCB: 7AKCB

Esiane sɛ, Asafo Awurade boa me nti,wɔrengu mʼanim ase.Enti na mayɛ mʼanim sɛ ɔtwɛrebo,na minim sɛ mʼanim rengu ase.

AKCB: 8AKCB

Nea obu me bem no abɛn.Enti hena na ɔbɛbɔ me kwaadu?Ɔmma yenhyia mu!Hena na ɔbɔ me sobo?Ma ɔnka nsi mʼanim!

AKCB: 9AKCB

Asafo Awurade na ɔboa me.Hena ne nea obebu me fɔ?Wɔn nyinaa bɛtetew sɛ atade;nnwewemmoa bɛwe wɔn.

AKCB: 10AKCB

Mo mu hena na osuro Awurade,na odi ne somfo asɛm so?Ma nea ɔnam sum munea onni hann no,onnye Awurade din nnina ɔmfa ne ho nto ne Nyankopɔn so.

AKCB: 11AKCB

Na afei, mo a mososɔ ogya nyinaana moyɛ ogyatɛn ma mo ho,monkɔ, nkɔnantew mo gya hann no,ne ogyatɛn a wɔasɔ ano no mu.Eyi ne nea mubenya afi me nsa mu;mobɛdeda fam wɔ ɔyaw mu.