Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 40

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 40 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monkyekye, monkyekye me nkurɔfo werɛ.Saa na mo Nyankopɔn se.

AKCB: 2AKCB

Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem,na mompae mu nka nkyerɛ no sene som dennen no aba awiei,wɔatua ne bɔne no so ka,na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔhoafi Awurade nsam.

AKCB: 3AKCB

Nne bi reteɛ mu se,“Munsiesie ɔkwan mma Awuradewɔ nweatam no so.Monteɛ ɔtempɔn wɔ sare no somma yɛn Nyankopɔn.

AKCB: 4AKCB

Obon biara bɛyɛ ma,bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam,asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa,na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw.

AKCB: 5AKCB

Na Awurade anuonyam bɛda adi,na nnipa nyinaa behu.Efisɛ Awurade na waka!”

AKCB: 6AKCB

Nne bi kae se, “Teɛ mu.”Na mekae se, “Menteɛ mu nka dɛn?”“Nnipa nyinaa te sɛ sare,na wɔn anuonyam nyinaa te sɛ afuw so nhwiren.

AKCB: 7AKCB

Sare hyew, na nhwiren twintwamefisɛ Awurade ahomegu fa wɔn so.Nokware, nnipa no yɛ sare.

AKCB: 8AKCB

Sare hyew, na nhwiren twintwam,nanso yɛn Nyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”

AKCB: 9AKCB

Wo a wode asɛm pa reba Sion,foro kɔ bepɔw tenten bi so.Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,ma wo nne so na teɛ mu,ma so, nsuro;ka kyerɛ Yuda nkurow se,“Mo Nyankopɔn ni!”

AKCB: 10AKCB

Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba,na nʼabasa bedi hene ama no.Hwɛ, nʼakatua ka ne ho,na ɔde nʼabasobɔde nam.

AKCB: 11AKCB

Ɔhwɛ ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo.Ɔboa nguantenmma no wɔ nʼabasa sooturu wɔn ne koko so;na nguan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.

AKCB: 12AKCB

Hena na wasusuw obon mu nsu wɔ ne nsamanaa ɔde ne nsateaa asusuw ɔsoro?Hena na ɔde asase so mfutuma agu kɛntɛn mu,anaa wakari mmepɔw wɔ nsania sone nkoko wɔ nsania apampaa so?

AKCB: 13AKCB

Hena na wate Awurade ase,anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufo?

AKCB: 14AKCB

Hena na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase,na hena na ɔkyerɛɛ no ɔkwan pa no?Hena na ɔmaa no nimdeɛanaa ɔkyerɛɛ no nhumu kwan?

AKCB: 15AKCB

Ampa ara aman no te sɛ nsu sope wɔ bokiti mu;wɔde wɔn toto mfutuma a egu nsania so ho;ɔkari nsupɔw te sɛnea ɛyɛ mfutuma muhumuhu.

AKCB: 16AKCB

Lebanon nnɔɔso mma afɔremuka so gya,na ne mmoa renso mma ɔhyew afɔrebɔde.

AKCB: 17AKCB

Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim;obu wɔn adehunu bia wɔnka hwee.

AKCB: 18AKCB

Afei hena ho na wode Onyankopɔn bɛtoto?Nsɛsode bɛn ho na wode no bɛto?

AKCB: 19AKCB

Ohoni de, odwumfo na ɔyɛ,na sikadwumfo de sikakɔkɔɔ agu hona wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.

AKCB: 20AKCB

Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛde yi mma nokɔhwehwɛ dua a ɛremporɔw.Ɔhwehwɛ odwumfo nyansafona wayɛ ohoni a ɛremmunum nhwe fam asi hɔ.

AKCB: 21AKCB

Wunnim ana?Wontee ana?Wɔnnka nkyerɛɛ wo mfii mfiase no ana?Efi bere a wɔbɔɔ asase no, wontee ase ana?

AKCB: 22AKCB

Ɔte ahengua so wɔ asase dantaban no atifiɛso nnipa te sɛ tɛwtɛwɔtwe ɔsoro mu te sɛ bamkyinii,na ɔtrɛw mu sɛ ntamadan tena mu.

AKCB: 23AKCB

Ɔma ahemmea yɛ nnipahununa wiase yi sodifo nso, ɔbrɛ wɔn ase.

AKCB: 24AKCB

Wɔtɛw wɔn ara pɛ,woduaa wɔn ara pɛ,wogyee ntin wɔ asase mu pɛ,na wahome agu wɔn so ama wɔakisa,na mframa abɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.

AKCB: 25AKCB

“Hena ho na wode me bɛto?Anaasɛ hena na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ose.

AKCB: 26AKCB

Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro:Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa?Nea oyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako,na ɔbɔ obiara din frɛ no.Nʼahoɔden ne ne tumi ntiwɔn mu baako mpo nyera.

AKCB: 27AKCB

Adɛn na wunwiinwii, Yakob,na woka se, Israel,“Mʼakwan ahintaw Awurade;na me Nyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?

AKCB: 28AKCB

Wunnim ana?Wontee ana? Awurade yɛ daapem Nyankopɔn,na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo.Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw,na ne nhumu nni nhwehwɛmu.

AKCB: 29AKCB

Ɔma nea watɔ beraw ahoɔdennea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so.

AKCB: 30AKCB

Mpo, mmabun brɛ, na wɔtɔ beraw,na mmerante hintihintiw hwehwe ase;

AKCB: 31AKCB

Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade sobenya ahoɔden foforo.Wɔde ntaban sɛ akɔre de betu akɔ wim;wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw.Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.