Skip to main content

Scripture

Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo 8

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo 8 Bible text

AKCB: 1AKCB

Asɛm a yegyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanyin a ɔte Otumfo a ɔwɔ ɔsoro no ahengua no nifa,

AKCB: 2AKCB

na ɔsom sɛ Ɔsɔfopanyin wɔ Kronkronbea a ɛyɛ nokware ntamadan a ɛnyɛ onipa biara na osii, sɛ Awurade no mu hɔ.

AKCB: 3AKCB

Woyi Ɔsɔfopanyin biara sɛ ɔmfa akyɛde ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanyin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔre.

AKCB: 4AKCB

Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfo koraa efisɛ asɔfo wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔde ma, sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no.

AKCB: 5AKCB

Nanso dwuma a wodi sɛ asɔfo no yɛ ɔsoro nsusuwso bi kwa. Eyi nti na wɔbɔɔ Mose kɔkɔ bere a ɔpɛɛ sɛ osi ntamadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Si no sɛnea merekyerɛ wo wɔ bepɔw no so pɛpɛɛpɛ.”

AKCB: 6AKCB

Afei de, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn de no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛe no ntamgyinafo.

AKCB: 7AKCB

Sɛ na apam a edi kan no ye a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛto so abien no.

AKCB: 8AKCB

Nanso Onyankopɔn huu mfomso wɔ ne nkurɔfo ho bere a ɔkae se,“Nna bi reba, Awurade na ose,a me ne Israelfo ne Yuda abusuakuwbɛhyehyɛ apam foforo.

AKCB: 9AKCB

Ɛrenyɛ sɛ apam ame ne wɔn agyanom yɛɛ nobere a misoo wɔn nsadii wɔn anim fii Misraim no.Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no ho nokware,ɛno nti mantew mʼani anhwɛ wɔn,Awurade na ose.

AKCB: 10AKCB

Afei eyi ne apam a me ne Israelfo bɛhyehyɛ wɔbere a ɛreba no mu, Awurade na ose:Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene muna makyerɛw agu wɔn koma mu.Mɛyɛ wɔn Nyankopɔnna wɔayɛ me nkurɔfo.

AKCB: 11AKCB

Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnkoanaa ne kuromni se, ‘Hu Awurade!’Efisɛ wɔn nyinaa behu me fiakumaa so kosi ɔkɛse so.

AKCB: 12AKCB

Mehu wɔn mmɔbɔ wɔ wɔn bɔne ho;na merenkae wɔn bɔne bio.”

AKCB: 13AKCB

Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforo” no ama nea wɔyɛɛ kan no ayɛ dedaw; na biribiara a enyin yɛ dedaw no nkyɛ yera.