Skip to main content

Scripture

Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo 5

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo 5 Bible text

AKCB: 1AKCB

Woyii Ɔsɔfopanyin biara fii nnipa bi mu na wasi wɔn anan mu de wɔn akyɛde ne wɔn bɔne ho afɔre asom Onyankopɔn.

AKCB: 2AKCB

Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛw wɔ akwan ahorow pii so no nti, otumi tɔ ne bo ase ma wɔn a wonnim na wɔyɛ mfomso no.

AKCB: 3AKCB

Ne mmerɛwyɛ nti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔre a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforo nso.

AKCB: 4AKCB

Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho anuonyam sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanyin sɛnea wɔfrɛɛ Aaron no.

AKCB: 5AKCB

Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin amfa anhyɛ ne ho anuonyam. Na mmom Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se,“Woyɛ me Ba;nnɛ, mayɛ wʼAgya.”

AKCB: 6AKCB

Ɔsan kaa wɔ baabi foforo se,“Wobɛyɛ ɔsɔfo akosi daasɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.”

AKCB: 7AKCB

Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpae nam nkotosrɛ so de nʼabisade too Onyankopɔn a obetumi agye no afi owu mu no anim. Esiane sɛ odwo na ɔde ne ho nyinaa som no no nti, Onyankopɔn tiee no.

AKCB: 8AKCB

Ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba de, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛase.

AKCB: 9AKCB

Na owiee pɛyɛ no, wɔn a wotie no no nam ne so nya nkwagye a enni awiei,

AKCB: 10AKCB

na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.

AKCB: 11AKCB

Yɛwɔ eyi ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, efisɛ mo ntease yɛ den.

AKCB: 12AKCB

Moayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛ, nanso ɛsɛ sɛ munya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm fi ne mfiase. Anka ɛsɛ sɛ saa bere yi mudi aduan a ɛyɛ den, nanso nufusu na eye ma mo.

AKCB: 13AKCB

Obiara a nufusu ye ma no no da so yɛ akokoaa a onnim nea eye ne nea enye.

AKCB: 14AKCB

Aduan a ɛyɛ den ye ma mpanyimfo a wɔatetew wɔn na wɔahu nsonoe a ɛda papa ne bɔne ntam no.