Skip to main content

Scripture

Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo 3

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo 3 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me nuanom akronkronfo a Onyankopɔn afrɛ mo, munnwen Yesu a yegye no to mu sɛ Ɔsomafo no ho.

AKCB: 2AKCB

Na odii Onyankopɔn a oyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokware sɛnea Mose nso dii nokware wɔ Onyankopɔn fi no.

AKCB: 3AKCB

Wɔahu sɛ Yesu fata anuonyam sen Mose, sɛnea onipa a osi ofi nya anuonyam sen ofi no ankasa no.

AKCB: 4AKCB

Ofi biara obi na osii. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa.

AKCB: 5AKCB

Mose dii Onyankopɔn nokware sɛ ɔsomfo wɔ ne fi na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa.

AKCB: 6AKCB

Nanso Kristo de, odi nokware sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidi wɔ yɛn anidaso mu a, na yɛyɛ ne fi no.

AKCB: 7AKCB

Enti Honhom Kronkron no ka se,“Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a,

AKCB: 8AKCB

monnyɛ asoɔdente sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no;sɛnea moyɛɛ da a na mowɔ sare so a mosɔɔ no hwɛe no.

AKCB: 9AKCB

Ɛhɔ na mo nenanom sɔɔ no hwɛe,nanso wohuu nea meyɛɛ no mfe aduanan mu no.

AKCB: 10AKCB

Ne saa nti me bo fuw saa nnipa no, na mekae se,‘Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho,na wɔanhu mʼakwan.’

AKCB: 11AKCB

Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se,‘Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.’ ”

AKCB: 12AKCB

Me nuanom, monhwɛ yiye na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni a ɛbɛma watwe ne ho afi Onyankopɔn teasefo no ho.

AKCB: 13AKCB

Na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu ebinom na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho wɔ mmere dodow a asɛm “Nnɛ” a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no fa yɛn ho no.

AKCB: 14AKCB

Na sɛ yeso gyidi a yɛwɔ no mu dennen sɛnea yɛde fi mfiase no a na yɛwɔ kyɛfa wɔ Kristo mu.

AKCB: 15AKCB

Kyerɛwsɛm no ka se,“Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a,monnyɛ asoɔdente sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”

AKCB: 16AKCB

Ɛhefo na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim fi Misraim no nyinaa.

AKCB: 17AKCB

Ɛhefo na Onyankopɔn bo fuw wɔn mfirihyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtetew hwe wuwuu wɔ sare so no.

AKCB: 18AKCB

Bere a Onyankopɔn kaa ntam se, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefo? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no.

AKCB: 19AKCB

Afei, yehu sɛ wɔantumi ankɔ ɔhome no mu, efisɛ wɔannye anni.