Skip to main content

Scripture

Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo 10

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo 10 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mmara no yɛ nneɛma pa nsusuwso a ɛreba, na mmom ɛnyɛ nneɛma pa no ankasa nen. Wɔbɔ afɔre koro no ara afe biara, efisɛ saa afɔre koro a wɔbɔ no afe afe no rentumi mma nnipa a wɔsom no nyɛ pɛ da.

AKCB: 2AKCB

Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi fi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛno de anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa nti afɔrebɔ nyinaa to betwa.

AKCB: 3AKCB

Nea saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara.

AKCB: 4AKCB

Anantwi ne mmirekyi mogya rentumi mpepa bɔne.

AKCB: 5AKCB

Esiane saa nti, bere a Kristo rebɛba wiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se:“Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdenanso woasiesie ɔhonam ama me.

AKCB: 6AKCB

Wʼani nnnyeɔhyew ne bɔne afɔre anaa afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne ho.

AKCB: 7AKCB

Afei mekae se, ‘Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛsɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mmara nhoma no mu no.’ ”

AKCB: 8AKCB

Kan no ɔkae se, “Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛde a wɔde pepa bɔne ho.” Ɛwɔ mu, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa.

AKCB: 9AKCB

Na ɔkae se, “Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno nti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi anan mu.

AKCB: 10AKCB

Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no nti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔre prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho atew afi bɔne ho.

AKCB: 11AKCB

Da biara Yudani sɔfo sɔre yɛ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔre mpɛn pii. Nanso saa afɔre yi rentumi mpepa bɔne.

AKCB: 12AKCB

Kristo de, ɔbɔɔ bɔne ho afɔre. Afɔre a ɛtena hɔ daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so.

AKCB: 13AKCB

Ɛhɔ na ɔretwɛn mprempren kosi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfo ayɛ nʼanan ase ntiaso.

AKCB: 14AKCB

Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfo ho atew daa nyinaa.

AKCB: 15AKCB

Na Honhom Kronkron no nso di adanse. Nea edi kan no, ɔka se,

AKCB: 16AKCB

“Eyi ne apam a me ne wɔn bɛpamwɔ bere a ɛreba no mu. Awurade na ose:Mede me mmara bɛhyɛ wɔn koma muna makyerɛw agu wɔn adwene mu.”

AKCB: 17AKCB

Na afei waka se,“Merenkae wɔn bɔnene wɔn amumɔyɛ bio.”

AKCB: 18AKCB

Sɛ wɔde eyinom nyinaa kyɛ a, na afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne no ho nhia bio.

AKCB: 19AKCB

Anuanom, esiane Yesu wu no nti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ.

AKCB: 20AKCB

Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɔkwan foforo a nkwa wɔ mu ama yɛn.

AKCB: 21AKCB

Yɛwɔ ɔsɔfo kɛse bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so.

AKCB: 22AKCB

Momma yɛmfa koma pa ne gyidi a mu yɛ den ntwiw mmɛn Onyankopɔn. Efisɛ wɔde Yesu mogya atew yɛn tiboa afɔbu ho, na wɔde nsu a ɛyɛ kronkron aguare yɛn nipadua.

AKCB: 23AKCB

Momma yennyina gyidi a yɛaso mu no mu dennen, efisɛ nea ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafo.

AKCB: 24AKCB

Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa.

AKCB: 25AKCB

Mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛnea afoforo bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denneennen, efisɛ mo ara muhu sɛ ɛrenkyɛ na da no aba.

AKCB: 26AKCB

Sɛ mohyɛ da kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, efisɛ wɔada nokware no adi akyerɛ yɛn.

AKCB: 27AKCB

Nea ɛwɔ hɔ ma wɔn a wotia Onyankopɔn ara ne atemmu ne ogya a ɛbɛba abɛhyew wɔn no.

AKCB: 28AKCB

Obiara a obu Mose Mmara no so no, sɛ nnansefo baanu anaa baasa adansedi nti, wobu atɛn tia no a, wobekum no a wɔrenhu no mmɔbɔ.

AKCB: 29AKCB

Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a egyee no fii bɔne mu no nyɛ hwee anaa nea otiatia Honhom a ɔma adom no anim no, dɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no benya no nyɛ adewa.

AKCB: 30AKCB

Yenim sɛ Onyankopɔn kae se, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na mitua ka,” na ɔno ara na ɔsan kae se, “Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn.”

AKCB: 31AKCB

Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu.

AKCB: 32AKCB

Monkae ahohia a mokɔɔ mu bere a muhuu hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane.

AKCB: 33AKCB

Ebi ne sɛ, wɔyeyaw mo mpɛn pii, guu mo anim ase wɔ bagua mu; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehu amane no ho.

AKCB: 34AKCB

Mo ne nneduafo daa afiase na wɔfaa mo ahode nyinaa no mpo, munyaa ho boasetɔ, efisɛ munim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa.

AKCB: 35AKCB

Mommma mo koma ntutu na moanhwere mo akatua.

AKCB: 36AKCB

Ɛsɛ sɛ motɔ mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde ama mo nsa aka nea wɔahyɛ mo ho bɔ no.

AKCB: 37AKCB

EfisɛKyerɛwsɛm no ka se, “Ɛrenkyɛ koraana nea ɛsɛ sɛ ɔba no aba;ɔrentwentwɛn.

AKCB: 38AKCB

Na,“Nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa,na sɛ ɔtwe ne ho a,me kra ani rensɔ no.”

AKCB: 39AKCB

Yɛnyɛ nnipa a yɛsan yɛn akyi na yɛyera. Mmom yɛwɔ gyidi na wɔagye yɛn nkwa.