Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 49

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 49 Bible text

AKCB: 1AKCB

Yakob frɛɛ ne mmabarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummetwa me ho nhyia, na menka mo nea ɛbɛba mo so daakye.

AKCB: 2AKCB

“Yakob mmabarima, mommoaboa mo ho ano, na muntie;muntie mo agya Israel.

AKCB: 3AKCB

“Ruben, wo na woyɛ mʼabakan.Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan aɛboro anuonyam ne tumi so.

AKCB: 4AKCB

Woyɛ kitikiti sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio,efisɛ woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdae,de guu mʼanim ase.

AKCB: 5AKCB

“Simeon ne Lewi yɛ anuanom.Wogyina hɔ ma basabasayɛ ne asisi.

AKCB: 6AKCB

Mma me nkɔka wɔn agyinatu ho,efisɛ wɔnam wɔn abufuw so akunkum nnipa,na wokunkum anantwi de gyee wɔn ani.

AKCB: 7AKCB

Nnome nka wɔn abufuw, efisɛ ano yɛ den,na ɛyɛ atirimɔdensɛm!Ɛno nti, mɛbɔ wɔn asefo ahweteIsraelman mu nyinaa.

AKCB: 8AKCB

“Yuda, wo nuabarimanom beyi wo ayɛ.Wobɛsɛe wʼatamfo nyinaa.Wʼagya mmabarima bɛkotow wo.

AKCB: 9AKCB

Yuda, woyɛ gyata ba awoawe wʼatamfo nam awie.Wote sɛ gyata a wabutuw.Hena na obetumi akɔka no?

AKCB: 10AKCB

Ahempema remfi Yuda nsam,na saa ara nso na ahempema remfi nʼanan ntam,kosi sɛ, nea ɛyɛ ne dea a aman nyinaa betie no no bɛba.

AKCB: 11AKCB

Ɔbɛsa nʼafurum wɔ bobe dua mu.Ɔde nʼafurum ba bɛsa bobe pa mman mu.Ɔbɛhoro ne ntama wɔ nsa mu,na wahoro nʼatade nso wɔ bobesa kɔɔ mu.

AKCB: 12AKCB

Nʼaniwa aba bebiri asen bobesa.Ne se bɛyɛ fitaa asen nufusu.

AKCB: 13AKCB

“Sebulon bɛtena mpoano.Obesisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn.Nʼahye so bɛtrɛw akosi Sidon.

AKCB: 14AKCB

“Isakar yɛ afurum hoɔdenfo aobutuw hɔ rehome wɔ nguankuw mu.

AKCB: 15AKCB

Sɛ ohu sɛnea nʼahomegyebea ye fa,ne sɛnea nʼasase no so dwo a,obekuntun agye adesoa,na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma.

AKCB: 16AKCB

“Dan bebu ne manfo atɛnsɛ Israel mmusuakuw no baako.

AKCB: 17AKCB

Dan bɛyɛ sɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn;ɔbɛyɛ sɛ ahurutoa a ɔnam ɔtempɔn mu aɔka ɔpɔnkɔ nantin,sɛnea ɛbɛma ne sotefo atew ahwe nʼakyi.

AKCB: 18AKCB

“Awurade, wo nkwagye na meretwɛn.

AKCB: 19AKCB

“Nnipa bɔnefo bɛtow ahyɛ Gad so,na ɔno nso betiw wɔn atow ahyɛ wɔn so.

AKCB: 20AKCB

“Aser aduan a odi no bɛyɛ aduan pa.Na ɔbɛma ahennuan a ɛyɛ akɔnnɔ.

AKCB: 21AKCB

“Naftali te sɛ ɔforote a wɔagyaa no aɔwo mma ahoɔfɛfo.

AKCB: 22AKCB

“Yosef yɛ ngodua a ɛsow aba,a esi asuten ho,na ne mman tra afasu.

AKCB: 23AKCB

Agyantowfo kaa no hyɛe,de abufuw tow hyɛɛ ne so.

AKCB: 24AKCB

Nanso ne bɛma no gyinaa pintinn,na ne basa mu yɛɛ den;esiane Otumfo Nyankopɔn a Yakob som no noa ɔyɛ oguanhwɛfo ne Israel botantim no;

AKCB: 25AKCB

esiane Onyankopɔn a wʼagya som no a ɔboa wo no;Otumfo a ɔde ɔsoro nhyira behyira wo;nhyira a efi asase ase pɛɛ;nhyira a efi nufu ne ɔyafunu mu no.

AKCB: 26AKCB

Wʼagya nhyira a wɔahyira no nobɛdɔɔso asen tete nteredee mmepɔwne nkoko a etintim hɔ daa no so nnɔbae.Eyinom nyinaa mmra Yosef ti so,engugu anuanom no mu nea wɔapaw no no anintɔn so.

AKCB: 27AKCB

“Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam;ɔbɔ aporɔw anɔpa, kyere ne hanam we,na edu anwummere a, ɔkyekyɛ nam nkae no.”

AKCB: 28AKCB

Eyi ne nhyira a Israel mmusuakuw dumien no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛnea ɛfata no.

AKCB: 29AKCB

Yakob rebewu no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn se, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanyimfo ho. Sɛ miwu a, munsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuw a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no mu.

AKCB: 30AKCB

Ɛno ne ɔboda ne afuw a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no fii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusiei.

AKCB: 31AKCB

Saa ɔboda no mu na wosiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wosiee Isak ne ne yere Rebeka, na misiee Lea nso.

AKCB: 32AKCB

Me nena Abraham tɔɔ afuw no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa fii Hetifo no nkyɛn.”

AKCB: 33AKCB

Bere a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wiee no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wui. Wokosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn.