Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 46

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 46 Bible text

AKCB: 1AKCB

Enti Israel de nʼahode nyinaa sii mu koduu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak som no no afɔre wɔ hɔ.

AKCB: 2AKCB

Anadwo anisoadehu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob se, “Yakob! Yakob!”Yakob gyee so se, “Me ni.”

AKCB: 3AKCB

Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya som no. Nsuro sɛ wobɛkɔ Misraim, efisɛ mɛma wʼase adɔ ayɛ ɔman kɛse wɔ hɔ.

AKCB: 4AKCB

Mʼankasa ne wo bɛkɔ Misraim, na masan de wo aba ha. Edu bere a worebewu a, wubewu wɔ Yosef nsam.”

AKCB: 5AKCB

Na Yakob sii mu fii Beer-Seba. Israelmma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma ma wɔde bɛfaa wɔn no mu.

AKCB: 6AKCB

Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapade a wɔanya wɔ Kanaan asase so no nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefo nyinaa sii mu kɔɔ Misraim.

AKCB: 7AKCB

Israel de ne mmabarima, ne nenanom, ne mmabea ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefo kaa ne ho kɔɔ Misraim.

AKCB: 8AKCB

Din a edidi so yi yɛ Israelfo, Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim.Ruben yɛ Yakob abakan.

AKCB: 9AKCB

Ruben nso mmabarima din na edidi so yi:Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

AKCB: 10AKCB

Simeon nso mmabarima yɛ:Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni.

AKCB: 11AKCB

Lewi mmabarima din na edidi so yi:Gerson, Kohat ne Merari.

AKCB: 12AKCB

Yuda nso mmabarima yɛ:Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan de, wowuwuu wɔ Kanaan asase so ansa na Israel reba Misraim asase so.Peres mmabarima yɛ:Hesron ne Hamul.

AKCB: 13AKCB

Isakar mmabarima nso yɛ:Tola, Puwa, Hiob ne Simron.

AKCB: 14AKCB

Sebulon mmabarima nso yɛ:Sered, Elon ne Yakleel.

AKCB: 15AKCB

Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woo wɔ Paddan-Aram a ne babea Dina nso ka ho. Saa mmabarima ne ne babea yi nyinaa dodow si nnipa aduasa abiɛsa.

AKCB: 16AKCB

Gad nso mma din na edidi so yi:Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.

AKCB: 17AKCB

Aser nso mma din na edidi so yi:Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabea Sera.Beria nso mma yɛ:Heber ne Malkiel.

AKCB: 18AKCB

Eyinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babea Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob waree no mma. Wɔn nyinaa dodow ano si nnipa dunsia.

AKCB: 19AKCB

Yakob yere Rahel mma yɛ:Yosef ne Benyamin.

AKCB: 20AKCB

Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfo babea woo Manase ne Efraim wɔ Misraim.

AKCB: 21AKCB

Benyamin nso mmabarima din na edidi so yi:Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.

AKCB: 22AKCB

Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmabarima a ɔne Yakob woe. Wɔn nyinaa dodow yɛ nnipa dunan.

AKCB: 23AKCB

Dan babarima yɛHusim.

AKCB: 24AKCB

Naftali nso mmabarima din na edidi so yi:Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.

AKCB: 25AKCB

Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babea Rahel mmabarima a ɔne Yakob woo no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodow yɛ nnipa baason.

AKCB: 26AKCB

Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefo ankasa, a ne mmabarima yerenom nka ho dodow yɛ aduosia asia.

AKCB: 27AKCB

Sɛ wɔde Yosef mmabarima baanu a ɔwoo wɔn wɔ Misraim no ka ho a, na Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodow yɛ nnipa aduɔson.

AKCB: 28AKCB

Israel somaa Yuda ma odii kan kɔɔ Yosef hɔ kobisaa no Gosen kwan. Akyiri no, wokoduu Gosen.

AKCB: 29AKCB

Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kohyiaa nʼagya Israel. Yosef duu nʼagya Yakob anim pɛ na ɔbam no, sui ara kwansin.

AKCB: 30AKCB

Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Ohu a mahu wo sɛ wote ase yi nti, sɛ owu bɛfa me nnɛ koraa a, mepɛ.”

AKCB: 31AKCB

Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fifo no se, “Mɛkɔ akɔka akyerɛ Farao se, ‘Me nuabarimanom ne mʼagya fifo a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho.

AKCB: 32AKCB

Mmarima no yɛ nguanhwɛfo. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi ne biribiara a wɔwɔ aba.’

AKCB: 33AKCB

Sɛ Farao frɛ mo, na obisa mo se, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,’

AKCB: 34AKCB

momma no mmuae se, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa fi wɔn mmofraase, te sɛ nea yɛn agyanom yɛe no ara pɛpɛɛpɛ.’ Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenae, efisɛ Misraimfo kyi nguanhwɛfo kɔkɔɔkɔ.”