Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 36

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 36 Bible text

AKCB: 1AKCB

Eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefo.

AKCB: 2AKCB

Esau waree Kanaanfo mmea baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babea, Ana babea Oholibama a ɔsan yɛ Hewini Sibeon nena ne

AKCB: 3AKCB

Basmat a ɔyɛ Ismael babea na ɔyɛ Nebaiot nuabea.

AKCB: 4AKCB

Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel.

AKCB: 5AKCB

Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmabarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.

AKCB: 6AKCB

Esau faa ne yerenom, ne mmabarima, ne mmabea, ne fifo nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapade biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu fii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so wɔ akyirikyiri.

AKCB: 7AKCB

Efisɛ na wɔn ahonyade no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob betumi atena faako. Na wɔn mmoa dodow nti, wɔn baanu no nsen asase a wɔte so no so.

AKCB: 8AKCB

Ɛno nti, Esau a wɔfrɛ no Edom no, kɔbɔɔ nʼatenae wɔ Seir bepɔw so.

AKCB: 9AKCB

Eyinom ne Esau a ɔyɛ Edomfo agya no asefo a wɔwoo wɔn maa no bere a na ɔwɔ Seir bepɔw so no.

AKCB: 10AKCB

Esau mmabarima no din na edidi so yi:Elifas, a ɔyɛ Esau yere panyin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.

AKCB: 11AKCB

Elifas nso mmabarima din na edidi so yi:Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.

AKCB: 12AKCB

Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nenanom.

AKCB: 13AKCB

Reuel mmabarima din na edidi so yi:Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nenanom.

AKCB: 14AKCB

Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea, na ɔsan yɛ Sibeon nena no mmabarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne eyinom:Yeus, Yalam ne Kora.

AKCB: 15AKCB

Eyinom ne Esau asefo no mu atitiriw:Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmabarima din na edidi so yi:Atitiriw Teman, Omar, Sefo, Kenas,

AKCB: 16AKCB

Kora, Gatam ne Amalek. Saa din a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefo atitiriw a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitiriw yi yɛ Ada nenanom.

AKCB: 17AKCB

Esau babarima Reuel mmabarima din na edidi so yi:Otitiriw Nahat, Otitiriw Serah, Otitiriw Sama ne Otitiriw Misa. Saa din a wɔabobɔ yi ne Reuel a ɔyɛ Esau ba a ɔto so abien no nnipa atitiriw a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nenanom.

AKCB: 18AKCB

Esau yere Oholibama mmabarima din na edidi so yi:Otitiriw Yeus, Otitiriw Yalam ne Otitiriw Kora. Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea no asefo nnipa atitiriw no.

AKCB: 19AKCB

Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmabarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitiriw no.

AKCB: 20AKCB

Eyinom ne Horini Seir mmabarima a na saa bere no wɔtete Seir asase so no:Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,

AKCB: 21AKCB

Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmabarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitiriw no.

AKCB: 22AKCB

Lotan mmabarima ne eyinom:Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabea.

AKCB: 23AKCB

Sobal nso mmabarima ne eyinom:Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.

AKCB: 24AKCB

Na eyinom ne Sibeon mmabarima:Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, bere bi ɔde nʼagya Sibeon mfurum kɔɔ adidi wɔ sare no so a okohuu asu aniwa bi a na nsuɔhyew fi mu ba no.

AKCB: 25AKCB

Ana mma ni:Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babea no.

AKCB: 26AKCB

Disan mmabarima ni:Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.

AKCB: 27AKCB

Eser mmabarima ne eyinom:Bilhan, Saawan ne Akan.

AKCB: 28AKCB

Eyinom ne Disan mma:Us ne Aran.

AKCB: 29AKCB

Eyinom ne Horifo nnipa atitiriw:Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,

AKCB: 30AKCB

Disan, Eser ne Disan.Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifo nnipa atitiriw a bere a na wɔwɔ Seir asase so no, wodii wɔn mmusua no so.

AKCB: 31AKCB

Eyinom ne nnipa a wodii kan dii hene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebedi Israelmma so hene:

AKCB: 32AKCB

Bela a ɔyɛ Beor babarima bedii hene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkurow din de Dinhaba.

AKCB: 33AKCB

Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.

AKCB: 34AKCB

Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.

AKCB: 35AKCB

Husam wu akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.

AKCB: 36AKCB

Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

AKCB: 37AKCB

Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.

AKCB: 38AKCB

Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.

AKCB: 39AKCB

Akbor babarima Baal-Hanan nso wui no, Hadad bedii nʼade, tenaa nʼahengua so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkurow no din de Pau, na ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Me-Sahab babea a ɔno nso yɛ Matred babea.

AKCB: 40AKCB

Sɛnea wɔn a wodidi so yi a wɔyɛ Esau asefo no mmusua ne wɔn tenabea te ni:Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,

AKCB: 41AKCB

Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,

AKCB: 42AKCB

Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,

AKCB: 43AKCB

Magdiel abusua ne Iram abusua.Eyinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenae no din totoe.Na wɔn nyinaa yɛ Edomfo a wɔyɛ Esau asefo.