Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 16

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 16 Bible text

AKCB: 1AKCB

Saa bere no, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram ɛ. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar;

AKCB: 2AKCB

enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Wo ara wunim sɛ Awurade ama mayɛ obonin; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.”Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.

AKCB: 3AKCB

Abram tenaa Kanaan asase so mfe du akyi no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ ɔnware no.

AKCB: 4AKCB

Abram ne Hagar dae, na onyinsɛnee.Bere a Hagar huu sɛ wanyinsɛn no, ofii ase buu nʼawuraa Sarai animtiaa.

AKCB: 5AKCB

Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa fi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahu sɛ wanyinsɛn no nti, otiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”

AKCB: 6AKCB

Nanso Abram ka kyerɛɛ Sarai se, “Ɔyɛ wʼabaawa. Nea wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Efi saa bere no, Sarai tan nʼabaawa Hagar ani ma oguan fii ne nkyɛn.

AKCB: 7AKCB

Awurade bɔfo huu Hagar wɔ nsu aniwa bi ho wɔ sare no so. Na saa nsu aniwa no da ɔkwan a ɛkɔ kurow bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn.

AKCB: 8AKCB

Ɔbɔfo no bisaa Hagar se, “Sarai abaawa Hagar, wufi he, na worekɔ he?”Hagar buaa no se, “Mereguan afi mʼawuraa Sarai nkyɛn.”

AKCB: 9AKCB

Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Hagar se, “San kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.”

AKCB: 10AKCB

Ɔbɔfo no ka kaa ho se, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a ɛnyɛ yiye.”

AKCB: 11AKCB

Awurade bɔfo no san ka kyerɛɛ Hagar se,“Woanyinsɛn,na wobɛwo ɔbabarima.Wobɛto no din Ismael, efisɛ Awurade ate wʼamanehunu.

AKCB: 12AKCB

Ɔbɛyɛ sɛ sare so afurum.Obetia nnipa nyinaa,na nnipa nyinaa nso betia no;atutuwpɛ so naɔne ne nuanom bɛtena.”

AKCB: 13AKCB

Eyi akyi no ɔkae se, “Mahu Nea ohu me.” Ɛno nti, ɔde din El-Roi a ase ne “Onyankopɔn a ohu me” no too no.

AKCB: 14AKCB

Ɛno nti na wɔfrɛ nsu aniwa no se Beer-Lahai-Roi a ase ne “Onyankopɔn Teasefo a ohu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam besi nnɛ.

AKCB: 15AKCB

Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abofra no din Ismael.

AKCB: 16AKCB

Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia.