Skip to main content

Scripture

Ɛsra Nhoma 10

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ɛsra Nhoma 10 Bible text

AKCB: 1AKCB

Bere a Ɛsra rebɔ mpae, reka saa bɔne yi no, na ɔresu, de ne ho toto fam wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim, na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfo, mmarima, mmea ne mmofra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo.

AKCB: 2AKCB

Na Yehiel babarima Sekania a ɔyɛ Elam aseni no ka kyerɛɛ Ɛsra se, “Yɛpae mu ka sɛ yɛanni yɛn Nyankopɔn nokware, efisɛ yɛawareware abosonsomfo mmea a wɔwɔ asase no so. Nanso eyi akyi no, anidaso wɔ hɔ ma Israel.

AKCB: 3AKCB

Afei, momma yɛne yɛn Nyankopɔn nyɛ apam, na yennyaa yɛn yerenom abosonsomfo no aware, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yebetie afotu a wo ne afoforo a wodi yɛn Nyankopɔn mmara so no de ama yɛn. Yebedi Onyankopɔn mmara no so.

AKCB: 4AKCB

Sɔre, na nya akokoduru, efisɛ ɛyɛ wʼasɛde sɛ wokyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so tee, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛboa.”

AKCB: 5AKCB

Na Ɛsra sɔre gyinae, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfo no ntuanofo, Lewifo ne Israelfo nyinaa nka ntam sɛ wɔbɛyɛ nea Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den.

AKCB: 6AKCB

Na Ɛsra sɔre fii Onyankopɔn Asɔredan no anim kɔɔ Eliasib babarima Yehohanan dan mu. Ɔdaa hɔ, nanso wannidi annom. Na ɔda so di awerɛhow esiane nnommum a wɔasan aba no nokware a wɔanni no nti.

AKCB: 7AKCB

Afei, wɔbɔɔ dawuru wɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa se, nnommum a wɔasan aba no nyinaa mmra Yerusalem.

AKCB: 8AKCB

Na wɔn a wɔamma nnansa ntam no, sɛ ntuanofo ne mpanyimfo pɛ a, wɔde wɔn nsa bɛto wɔn agyapade so, na wɔapam wɔn afi wɔn mu.

AKCB: 9AKCB

Nnansa ntam no, na Yudafo ne Benyaminfo aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Asɛm yi sii wɔ Kislev ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa aguabɔbea hɔ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, efisɛ nea edi kan no, na asɛm no mu yɛ duru, na nea ɛto so abien no, na osu nso retɔ.

AKCB: 10AKCB

Na ɔsɔfo Ɛsra sɔre gyina kae se, “Moayɛ bɔne, efisɛ moawareware mmea abosonsomfo. Enti mprempren, yɛwɔ afɔbu a ano yɛ den mu sen kan de no.

AKCB: 11AKCB

Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ nʼapɛde. Montwe mo ho mfi nnipa a wɔwɔ asase no so ne mmea abosonsomfo no ho.”

AKCB: 12AKCB

Afei bagua no nyinaa maa wɔn nne so ka se, “Ampa, wʼasɛm no yɛ nokware. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea woaka no.

AKCB: 13AKCB

Nanso nnipa bebree wɔ ha na ɛyɛ asusow bere, enti yɛrentumi ntena mfikyiri. Bio, yɛrentumi mfa da koro anaa nnaanu nni saa asɛm yi, efisɛ, yɛn mu bebree na saa bɔne kɛse yi ka yɛn.

AKCB: 14AKCB

Momma yɛn mpanyimfo nsi yɛn anan nyɛ biribiara. Obiara a ɔware ɔbea bosonsomni no ne ntuanofo ne atemmufo a wɔwɔ kurow yi mu behyia bere a wɔahyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew a ɛfa saa asɛm yi ho no befi yɛn so.”

AKCB: 15AKCB

Asahel babarima Yonatan ne Tikwa babarima Yahasia na wotiaa saa asɛm yi mu, na Mesulam ne Sabetai a ɔyɛ Lewini no foaa wɔn so.

AKCB: 16AKCB

Enti eyi ne nhyehyɛe a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofo ma wosii wɔn mmusua no anan, na ɔde din bi too ntuanoni biara so. Ɔsram Kislev (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so aduonu akron no, ntuanofo no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu.

AKCB: 17AKCB

Afe a edi so no mu, Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so aduonu ason no na wɔawie mmarima a wɔawareware mmea abosonsomfo no nyinaa ho asɛnka.

AKCB: 18AKCB

Asɔfo a na wɔawareware abosonsomfo no din ni:Yosadak babarima Yesua ne ne nuabarimanom:Maaseia, Elieser, Yarib ne Gedalia.

AKCB: 19AKCB

Wɔkaa ntam sɛ wobegyaa wɔn yerenom, wɔn mu biara gyee nʼafɔdi too mu, na wɔde adwennini bɛbɔɔ afɔdi ho afɔre.

AKCB: 20AKCB

Imer asefo mu no:Hanani ne Sebadia.

AKCB: 21AKCB

Harim asefo mu no:Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel ne Usia.

AKCB: 22AKCB

Pashur asefo mu no:Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa.

AKCB: 23AKCB

Eyinom ne Lewifo a na afɔdi da wɔn so:Yosabad, Simei, Kelaia, a ɛyɛ Kelita, Petahia, Yuda ne Elieser.

AKCB: 24AKCB

Nnwontofo a na afɔdi da ne so no yɛ:Eliasib.Eyinom ne aponanohwɛfo a na afɔdi da wɔn so:Salum, Telem ne Uri.

AKCB: 25AKCB

Eyinom ne nnipa bi a wɔyɛ Israelfo a na afɔdi da wɔn so:Paros asefo mu no:Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasar, Malkia ne Benaia.

AKCB: 26AKCB

Elam asefo mu no:Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia.

AKCB: 27AKCB

Satu asefo mu no:Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa.

AKCB: 28AKCB

Bebai asefo mu no:Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai.

AKCB: 29AKCB

Bani asefo mu no:Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal ne Yeremot.

AKCB: 30AKCB

Pahat-Moab asefo mu no:Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Basaleel, Binui ne Manase.

AKCB: 31AKCB

Harim asefo mu no:Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon.

AKCB: 32AKCB

Benyamin, Maluk ne Semaria.

AKCB: 33AKCB

Hasum asefo mu no:Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei.

AKCB: 34AKCB

Bani asefo mu no:Maadai, Amram ne Uel,

AKCB: 35AKCB

Benaia, Bedeia, Keluhi,

AKCB: 36AKCB

Wania, Meremot, Eliasib,

AKCB: 37AKCB

Matania, Matenai ne Yaasu.

AKCB: 38AKCB

Binui asefo mu no:Simei,

AKCB: 39AKCB

Selemia, Natan, Adaia,

AKCB: 40AKCB

Maknadebai, Sasai, Sarai,

AKCB: 41AKCB

Asarel, Selemia, Semaria,

AKCB: 42AKCB

Salum, Amaria ne Yosef.

AKCB: 43AKCB

Nebo asefo mu no:Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel ne Benaia.

AKCB: 44AKCB

Na mmarima yi mu biara aware ɔbea bosonsomni a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi wɔ mma.