Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hesekiel Nhoma 24

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hesekiel Nhoma 24 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afe a ɛto so akron no sram a ɛto so du no nnafua du so no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

AKCB: 2AKCB

“Onipa ba, kyerɛw saa da yi, saa da yi ara, efisɛ Babiloniahene atua Yerusalem nnɛ da yi ara.

AKCB: 3AKCB

Ka kyerɛ saa atuatewfo yi, ka no wɔ mmebu mu kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:“ ‘Fa ɔsɛn no si gya so; fa si sona hwie nsu gu mu.

AKCB: 4AKCB

Fa namkum no gu mu,namkum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, anan ne abasa.Fa nnompe a ɛte apɔw hyɛ no ma;

AKCB: 5AKCB

fa nguankuw no mu nea odi mu.Fa nnyentia hyehyɛ ase ma nnompe no;ma enhuruna noa nnompe a ɛwɔ mu no.

AKCB: 6AKCB

“ ‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se:“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue,nnome nka ɔsɛn a agye nkannare mprempren,na nea ɛwɔ mu aka mu no!Yiyi namkum no mmaako mmaako fi mua wompaw mu koraa.

AKCB: 7AKCB

“ ‘Mogya a ohwie guu no wɔ ne mfimfini:ohwie guu ɔbotan wosee so;wanhwie angu fam,baabi a mfutuma bɛkata so.

AKCB: 8AKCB

Sɛ ɛbɛhwanyan abufuwhyew ama aweretɔ ntimede ne mogya guu ɔbotan wosee sosɛnea ɛso renkata.

AKCB: 9AKCB

“ ‘Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se:“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue!Me nso mɛhyehyɛ nnyansin no ama akɔ sorosoro.

AKCB: 10AKCB

Enti hyehyɛ nnyansin nona sɔ gya no.Noa nam no yiye,fa ahuamhuanne fra mu;na ma nnompe no nhyew.

AKCB: 11AKCB

Afei fa ɔsɛnhunu no si nnyansramma no sokosi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔsɛnea mu fi no bɛnanna nea ɛwɔ mu no bɛhyew asɛe.

AKCB: 12AKCB

Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa;mu fi dodow no ankɔ,ogya mpo antumi anyi.

AKCB: 13AKCB

“ ‘Fi a ɛwɔ wo mu no ne aniwu nneyɛe. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho kwan, wo ho remfi bio kosi sɛ mʼabufuwhyew a etia wo no ano bedwo.

AKCB: 14AKCB

“ ‘Me Awurade na maka. Bere aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔbɔ, na merengugow me ho. Wobegyina wo suban ne wo nneyɛe so abu wo atɛn, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

AKCB: 15AKCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

AKCB: 16AKCB

“Onipa ba, merebɛbɔ wo baako na mafa ade a wʼani gye ho yiye. Nanso ntwa adwo, nni awerɛhow na ntew nusu.

AKCB: 17AKCB

Si apini komm; nni owufo ho awerɛhow. Ma wʼabotiri mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na nni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow no di.”

AKCB: 18AKCB

Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa na nʼanwummere na me yere wui. Ade kyee no, meyɛɛ sɛnea wɔahyɛ me no.

AKCB: 19AKCB

Afei nnipa no bisaa me se, “Worenkyerɛ yɛn sɛnea nneyɛe yi si fa yɛn ho ana?”

AKCB: 20AKCB

Enti meka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

AKCB: 21AKCB

Ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebegu me kronkronbea ho fi; mo bammɔ dennen a mode hoahoa mo ho, nea mo ani gye ho, ade a mo koma da so. Mmabarima ne mmabea a mugyaw wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ afoa ano.

AKCB: 22AKCB

Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow di.

AKCB: 23AKCB

Mobɛkɔ so abɔ mo abotiri ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhow na morensu, mmom mo so bɛtew esiane mo bɔne nti, na mubesisi apini wɔ mo mu.

AKCB: 24AKCB

Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama mo, mobɛyɛ sɛnea wayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na eyi si a na mubehu sɛ mene Otumfo Awurade no.’ 

AKCB: 25AKCB

“Na wo, onipa ba, da a mɛfa wɔn aban dennen, wɔn ahosɛpɛw ne anuonyam, ade a wɔn ani gye ho, wɔn koma so ade, ne wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nso no,

AKCB: 26AKCB

saa da no okyinkyinfo bi na ɔbɛba abɛka nea asi akyerɛ wo.

AKCB: 27AKCB

Saa bere no, wʼano bebue, wo ne no bɛkasa na worenyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama wɔn, na wobehu sɛ mene Awurade no.”