Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hesekiel Nhoma 21

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hesekiel Nhoma 21 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn se

AKCB: 2AKCB

“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase

AKCB: 3AKCB

na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Awurade se: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼafoa afi ne boha mu de ayi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu.

AKCB: 4AKCB

Esiane sɛ merebeyi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu nti, mʼafoa befi ne boha mu atia obiara, fi anafo fam kosi atifi fam.

AKCB: 5AKCB

Afei nnipa nyinaa behu sɛ me Awurade matwe mʼafoa afi ne boha mu na ɛrensan bio.’

AKCB: 6AKCB

“Enti si apini, onipa ba! Fa koma a abubu ne awerɛhow a ano yɛ den si apini wɔ wɔn anim.

AKCB: 7AKCB

Na sɛ wobisa wo se, ‘Adɛn nti na woresi apini a?’ Wobɛka se, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no nti. Koma biara bɛbotow na nsa biara mu agugow, honhom biara bɛtɔ beraw na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɔkwan biara so ɛbɛba, Otumfo Awurade asɛm ni.”

AKCB: 8AKCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn se,

AKCB: 9AKCB

“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se, ‘sɛɛ na Awurade se:“ ‘Afoa bi, afoa bi,wɔasew ano, atwiw ho,

AKCB: 10AKCB

wɔasew ano ama akunkumakunkum no,wɔatwiw ho ma etwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam!“ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛw yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempema ho ana? Afoa no mfa pema biara a ɛte saa no nyɛ hwee.

AKCB: 11AKCB

“ ‘Wɔayi afoa no asi hɔ sɛ wontwitwiw ho,sɛ wɔmfa nsa nkura mu;wɔasew ano, atwiw ho,ayɛ no krado ama owudifo no.

AKCB: 12AKCB

Su na twa adwo, onipa ba,efisɛ etia me nkurɔfo;etia Israel mmapɔmma nyinaa.Wɔagyaa wɔn ama afoa noaka me nkurɔfo ho.Enti fa wo nsa gu wo ti so.

AKCB: 13AKCB

“ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempema a afoa no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a dɛn na wɔbɛyɛ? Otumfo Awurade asɛm ni.’

AKCB: 14AKCB

“Enti onipa ba, hyɛ nkɔmna bɔ wo nsam.Ma afoa no ntwitwa mprenu,mpo mprɛnsa.Ɛyɛ akunkumakunkum afoa,akunkumakunkum kɛse no afoa,a ɛba wɔn so fi afanan nyinaa.

AKCB: 15AKCB

Ɛbɛma koma nyinaa abotowna atɔfo adɔɔso,mede akunkumakunkum afoa no asisiwɔn apon nyinaa ano.Hwɛ! Wɔatono no sɛ entwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam,wɔaso mu ama akunkumakunkum.

AKCB: 16AKCB

Wo afoa, twa kɔ nifa,na twa kɔ benkum,nea wo dade bɛfa biara.

AKCB: 17AKCB

Me nso, mɛbɔ me nsam,na mʼabufuwhyew ano bedwoMe Awurade na makasa no.”

AKCB: 18AKCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

AKCB: 19AKCB

“Onipa ba, bɔ akwan abien na Babiloniahene afoa no mfa so, na ne abien no nyinaa mfi ase wɔ ɔman koro mu. Fa akwankyerɛde si nkwanta a ɛman kɔ kuropɔn no mu no so.

AKCB: 20AKCB

Bɔ ɔkwan baako a afoa no bɛfa so ako atia Amonfo Raba ne baako nso a ebetia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no.

AKCB: 21AKCB

Na Babiloniahene begyina akwan abien no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ, ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ mmrɛbo mu.

AKCB: 22AKCB

Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na hɔ na wɔbɛhyehyɛ oburuw adwennini, de ama okum kɛse no. Afei wɔde osebɔ bɛma oburuw nnua no so apempem apon no, wɔbɛyɛ mpempe na wɔasisi pampim.

AKCB: 23AKCB

Ɛbɛyɛ sɛ atoro nkɔm ama wɔn a wɔne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdi na wafa wɔn nnommum.

AKCB: 24AKCB

“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfo yi nam mo atuatew so akae me mo afɔdi, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi, sɛ moayɛ eyi nti, wɔbɛfa mo nnommum.

AKCB: 25AKCB

“ ‘Wo ɔkɔntɔnkye ne Israel hene ba otirimɔdenfo a wo da adu, wo a wʼasotwe bere adu ne mpɔmpɔnso,

AKCB: 26AKCB

sɛɛ na Otumfo Awurade se: Tu abotiri no, yi ahenkyɛw no. Ɛrenyɛ sɛnea na ɛte kan no: Wɔbɛma nea abrɛ ase no so; nea ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase.

AKCB: 27AKCB

Ɔsɛe! Ɔsɛe! Mɛyɛ no ɔsɛe! Ɛrensi ne dedaw mu bio kosi sɛ ɔbɛba nea ɛyɛ ne de no nkyɛn, ɔno na mede bɛma no.’

AKCB: 28AKCB

“Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka fa Amonfo ne wɔn ahohorabɔ ho:“ ‘Afoa bi, afoa bi,wɔatwe ama akunkumakunkum,wɔatwiw ho sɛ enni namna ɛmpa yerɛw yerɛw sɛ anyinam!

AKCB: 29AKCB

Atoro anisoadehune nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi nowɔde bɛto wɔn kɔn muamumɔyɛfo a ɛsɛ sɛ wokum wɔn no,wɔn a wɔn da no adu so,ne wɔn a wɔn asotwe bereadu ne mpɔmpɔnso no.

AKCB: 30AKCB

“ ‘San fa afoa no hyɛ ne boha muwɔ faako a wɔbɔɔ wo hɔwɔ wo nananom asase so,mebu wo atɛn.

AKCB: 31AKCB

Mehwie mʼabufuwhyew agu wo sona mahome mʼabufuw a ɛyɛ hu atia wo;Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimɔdenfo nsa,wɔn a wɔwɔ adesɛe ho nyansa.

AKCB: 32AKCB

Wobɛyɛ nnyansin ama ogya,wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so,na wɔrenkae wo bio;me Awurade na makasa.’ ”