Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hesekiel Nhoma 19

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hesekiel Nhoma 19 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom

AKCB: 2AKCB

na monka se:“ ‘Na wo na yɛ gyatabere mu sononkowɔ gyata mu!Ɔdaa gyataforo muyɛn ne mma.

AKCB: 3AKCB

Ɔyɛn ne mma no mu baakoma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfo.Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu,na ɔwee nnipa nam.

AKCB: 4AKCB

Amanaman no tee ne nka,na wɔn amoa yii no.Wɔkyekyeree no de no kɔɔMisraim asase so.

AKCB: 5AKCB

“ ‘Bere a ohuu sɛ nʼanidaso anyɛ hɔ,na nea ɔrehwɛ anim ayera no,ɔfaa ne ba foforoyɛɛ no gyata ɔhoɔdenfo.

AKCB: 6AKCB

Okyinkyin gyata no muefisɛ na wayɛ gyata hoɔdenfo.Osuaa sɛnea wɔtetew hanam muna ɔwee nnipa nam.

AKCB: 7AKCB

Obubuu wɔn abandennenna ɔsɛee wɔn nkurow.Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no,ne mmubomu bɔɔ wɔn hu.

AKCB: 8AKCB

Afei amanaman no sɔre tiaa no,wɔn a wofi nsase a atwa ahyia no so.Woguu no asau kyeree nowɔ wɔn amoa mu.

AKCB: 9AKCB

Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ buw muna wɔde no brɛɛ Babilonia hene.Wɔde no too afiase,na wɔante ne mmubomu no biowɔ Israel mmepɔw no so.

AKCB: 10AKCB

“ ‘Na wo na te sɛ bobeduaa wɔatɛw no asu ho wɔ wo bobeturo mu.Na ɛsow aba, na eyiyii mmannsu a onya no bebree no nti.

AKCB: 11AKCB

Ne mman yɛɛ den yiye;edi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempema.Ɛkorɔn, bunkam faa nhaban a ayɛ kuhaa no so,ne sorokɔ ne ne mman bebree nomaa no yɛɛ sononko.

AKCB: 12AKCB

Nanso wɔde abufuwhyew tuu nʼasede no hwee fam.Apuei mframa maa no kasae,ɛsow aba tetew gui;na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameena ogya hyewee.

AKCB: 13AKCB

Afei wɔakɔtɛw no wɔ sare soasase kesee a nsu nni mu mu.

AKCB: 14AKCB

Ogya trɛw fii ne mman baako sona ɛhyew nʼaba.Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so;nea wɔde yɛ ahemfo ahempema ma ɛyɛ yiye no.’Eyi yɛ kwadwom na ma wɔnto no saa.”