Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hesekiel Nhoma 11

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hesekiel Nhoma 11 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei honhom no maa me so de me baa Awurade fi pon a ani kyerɛ apuei fam no ano. Na mmarima aduonu anum wɔ hɔ, na mihuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofo.

AKCB: 2AKCB

Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, eyinom ne mmarima a wɔbɔ pɔw bɔne na wotu fo bɔne wɔ kuropɔn yi mu.

AKCB: 3AKCB

Wɔkae se, ‘Bere a wɔde sisi afi no nnuu so ana? Kuropɔn yɛ dadesɛn, na yɛyɛ nam.’

AKCB: 4AKCB

Ɛno nti hyɛ nkɔm tia wɔn, hyɛ nkɔm, onipa ba.”

AKCB: 5AKCB

Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me se menka se, “Sɛɛ na Awurade se: Saa na moreka, mo Israel akannifo, nanso minim nsusuwii a ɛwɔ mo adwene mu.

AKCB: 6AKCB

Moakunkum nnipa bebree wɔ kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyehyɛ ne mmɔnten so amaama.

AKCB: 7AKCB

“Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Afunu a moatotow apete hɔ no yɛ nam na kuropɔn yi ne dadesɛn no, nanso mɛpam mo afi mu.

AKCB: 8AKCB

Musuro afoa, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sɛɛ na Awurade se.

AKCB: 9AKCB

Mɛpam mo afi kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafo nsa, na matwe mo aso.

AKCB: 10AKCB

Mobɛtotɔ wɔ afoa ano, na mebu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei mubehu sɛ mene Awurade no.

AKCB: 11AKCB

Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛnea dadesɛn bɔ nam a ɛwɔ mu no ho ban no; Mebu mo atɛn wɔ Israel asase so.

AKCB: 12AKCB

Na mubehu sɛ mene Awurade no, efisɛ moanni mʼahyɛde so, moapo me mmara na nea aman a atwa mo ho ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.”

AKCB: 13AKCB

Afei bere a migu so rehyɛ nkɔm no, Benaia babarima Pelatia wui. Na mede mʼanim butuw fam suu dennen se, “Aa, Otumfo Awurade, wobɛtɔre Israel nkae yi ase koraa ana?”

AKCB: 14AKCB

Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,

AKCB: 15AKCB

“Onipa ba, wo nuabarimanom, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israelfi nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho se, ‘Wɔne Awurade ntam kwan ware, na wɔde saa asase yi maa yɛn sɛ yɛn agyapade.’ ”

AKCB: 16AKCB

“Ɛno nti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛwɔ mu sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so de, nanso bere tiaa bi mu no meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ so no so.’

AKCB: 17AKCB

“Enti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mɛboaboa mo ano afi amanaman no ne nsase a mehwetee mo guu so no asan aba, na mede Israel asase bɛsan ama mo.’

AKCB: 18AKCB

“Wɔbɛsan aba so na wɔayiyi nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no nyinaa.

AKCB: 19AKCB

Mɛma wɔn koma koro na mede honhom foforo ahyɛ wɔn mu; meyi wɔn komaden no na mama wɔn koma a ɛyɛ mmerɛw.

AKCB: 20AKCB

Afei wobedi mʼahyɛde so na wɔahwɛ akora me mmara yiye. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn.

AKCB: 21AKCB

Nanso wɔn a wɔde wɔn koma ama nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no de, mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ti so, sɛɛ na Otumfo Awurade se.”

AKCB: 22AKCB

Afei kerubim no ne wɔn nkyimii trɛtrɛw wɔn ntaban mu, na Israel Nyankopɔn anuonyam konkɔn wɔn so.

AKCB: 23AKCB

Awurade anuonyam maa ne ho so fii kuropɔn no mu kogyinaa bepɔw a ɛwɔ apuei fam no atifi.

AKCB: 24AKCB

Honhom no maa me so de me baa nnommum a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn wɔ anisoadehu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu.Afei anisoade a mihuu no fii me so kɔɔ ɔsoro.

AKCB: 25AKCB

Na mekaa biribiara a Awurade yi kyerɛɛ me no kyerɛɛ nnommum no.