Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛto So Abien (Ɛksodɔs) 6

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛto So Abien (Ɛksodɔs) 6 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wubehu nea mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfo no akɔ; me basa kokuroo no bɛma wapam wɔn afi ɔman no mu.”

AKCB: 2AKCB

Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, “Mene Awurade no.

AKCB: 3AKCB

Miyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfo. Nanso mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn.

AKCB: 4AKCB

Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔho no bɛma wɔn ne wɔn asefo.

AKCB: 5AKCB

Bio, mate Israelfo apinisi ne nya a Misraimfo di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no.

AKCB: 6AKCB

“Enti ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwonwade de ayi wɔn afi nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.

AKCB: 7AKCB

Megye wɔn ato mu sɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. Na wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn a wagye wɔn afi Misraimfo nsam no.

AKCB: 8AKCB

Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapade. Mene Awurade no.’ ”

AKCB: 9AKCB

Enti Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, esiane abawpa a efi ɔhyɛ ntraso nti.

AKCB: 10AKCB

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,

AKCB: 11AKCB

“San kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfo no mfi ne man no mu nkɔ.”

AKCB: 12AKCB

Nanso Mose kae se, “Sɛ Israelfo no rentie me a, ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me, bere a mʼano ntewee yi?”

AKCB: 13AKCB

Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsan nkɔ Israelfo no ne Farao a ɔyɛ Misraimfo hene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se ɔmma Israelfo no kwan na womfi Misraim asase so nkɔ.

AKCB: 14AKCB

Nnipa a na wotuatua Israel mmusuakuw no ano no din na edidi so yi:Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmabarima yɛ:Hanok, Palu, Hesron, Karmi.Eyinom na wɔwoo Ruben asefo.

AKCB: 15AKCB

Simeon mmabarima:Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne na yɛ Kanaanni.Eyinom na wɔwoo Simeon asefo.

AKCB: 16AKCB

Lewi mmabarima:Gerson, Kohat, MerariLewi dii mfe ɔha aduasa ason.

AKCB: 17AKCB

Gerson mmabarima:Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti.

AKCB: 18AKCB

Kohat mmabarima:Amram, Ishar, Hebron, Usiel.Kohat dii mfe ɔha aduasa abiɛsa.

AKCB: 19AKCB

Merari mmabarima:Mahli, Musi.Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din mpanyin mu no no yɛ Lewi abusuafo.

AKCB: 20AKCB

Amram waree nʼagya nuabea Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron.Amram dii mfe ɔha aduasa ason.

AKCB: 21AKCB

Ishar mmabarima:Kora, Nefeg, Sikri.

AKCB: 22AKCB

Usiel mmabarima:Misael, Elsafan, Sitri.

AKCB: 23AKCB

Aaron waree Aminadab babea Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabea. Wɔn mma din ni: Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.

AKCB: 24AKCB

Kora mmabarima:Asir, Elkana, AbiasafEyinom ne Kora asefo.

AKCB: 25AKCB

Aaron babarima Eleasar waree Putiel mmabea no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako.Nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne wɔn a na wotuatua Lewifo mmusuakuw no ano.

AKCB: 26AKCB

Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn se, “Munkoyi Israelfo nyinaa mfi Misraim asase so” no.

AKCB: 27AKCB

Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔkaa se ɔmma Israelfo no mfi Misraim no.

AKCB: 28AKCB

Da a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no,

AKCB: 29AKCB

ɔkae se, “Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim hempɔn no.”

AKCB: 30AKCB

Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio se, “Mʼano ntewee yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?”