Scripture
Mose Nhoma A Ɛto So Abien (Ɛksodɔs) 37
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mose Nhoma A Ɛto So Abien (Ɛksodɔs) 37 Bible text
Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde ɔkanto na ɛyɛe. Na ne tenten yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne fa ne ntwemu ne sorokɔ nso yɛ anammɔn abien ne fa.
Afei, ɔde sikakɔkɔɔ ankasa yɛɛ ne mmuaso a wɔfrɛ no Mpata Agua. Na ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, na ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne fa.
Ɔboroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ tratraa de yɛɛ kerubim abien na ɔde tetaree adaka no mmuaso no ti ne ti.
Na kerubim no di nhwɛanim a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ Mpata Agua no na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu akata so.
Afei, ɔde ɔkanto yɛɛ ɔpon a ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa; ne trɛw yɛ ɔnammɔn baako ne fa na ne sorokɔ yɛ anammɔn abien ne fa.
Wɔyɛɛ adaka no ho ntetareho a ne trɛw yɛ nsateaa anan twaa ɔpon no ano ho hyiae, na wɔde sikakɔkɔɔ hankare faa ho.
Wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nsanka, mprɛte, nsukuruwa ne nkoraa. Saa nneɛma yi na wɔde bedi ahwiesa afɔrebɔ ho dwuma.
Bio, wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ kaneadua. Ne nnyinaso, nʼabaa, nea wɔde akanea no hyehyɛ mu ne nhwiren a wɔde siesiee no nyinaa bɔ mu yɛ ade baako.
Nhwiren no bi wɔ ne dua no ase wɔ nkorata abien biara ase. Afei, nhwiren no bi wɔ nkorata abien a ɛwɔ ase no ase, na bi nso wɔ nkorata abien a ɛwɔ soro no so. Ne nyinaa yɛ asia.
Nea wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorata no nyinaa yɛ ade baako a sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro na wɔde yɛe.
Afei, ɔyɛɛ akanea ason, adaban adabaw, ne apampaa. Ne nyinaa wɔde sikakɔkɔɔ ankasa na ɛyɛe.
Na kaneadua no ne ho nneɛma no mu duru yɛ kilogram aduasa anan a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ.
Wɔde ɔkanto na ɛyɛɛ aduhuam afɔremuka no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa dunwɔtwe. Na ne sorokɔ yɛ basafa baako a mmɛn a etuatua ne ntwea so ntwea so no nso nyinaa ka bɔ mu ma ɛyɛ ade baako.
Wɔde sika nkaa abien abien susoo afanu no mu wɔ nea wɔyɛɛ nguguho no ase a wɔde besuso nnua a wɔde bɛsoa no mu.
Wɔfaa nnuhuamyɛfo mu abenfo kwan so fii nnuhuam mu yɛɛ ɔsrango kronkron a wɔde sra asɔfo ne ɔhyew nnuhuam no nso.