Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛto So Abien (Ɛksodɔs) 35

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛto So Abien (Ɛksodɔs) 35 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei, Mose frɛɛ Israelmma nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne Awurade mmara a ɛsɛ sɛ mudi so.

AKCB: 2AKCB

Monyɛ adwuma nnansia. Na da a ɛto so ason no de, momfa nhome; ɛyɛ da kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, ɛsɛ sɛ wokum no.

AKCB: 3AKCB

Da no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afi mu.”

AKCB: 4AKCB

Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Nsɛm a Awurade ahyɛ sɛ monyɛ ni:

AKCB: 5AKCB

Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔde yi mu biara mmrɛ Awurade:“Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae;

AKCB: 6AKCB

ntama a wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan ayɛ neabirekyi nwi,

AKCB: 7AKCB

odwennini nwoma a wɔahyɛ no aduru kɔkɔɔ ne abirekyi nwoma a wɔahyɛ,ɔkanto dua;

AKCB: 8AKCB

ngo a wɔde begu akanea no mu, ɔhyew nnuhuam a wɔde bɛyɛ ɔsrango ne;ɔhyew aduhuam;

AKCB: 9AKCB

abo a ɛte sɛ apopobibiri ne abo a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo no mu.

AKCB: 10AKCB

“Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribiyɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ nea Awurade aka no nyinaa te sɛ:

AKCB: 11AKCB

“Ahyiae Ntamadan no so ntama ne ne nkataso, nkɔtɔkoro, mpuran nnua a esisi mu, adum ne nnyinaso;

AKCB: 12AKCB

Apam Adaka no ne nnua a esisi ho; Mpata agua ntwamtam a ɛkata kronkronbea hɔ,

AKCB: 13AKCB

ɔpon ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Ɔkyerɛ Brodo;

AKCB: 14AKCB

akanea nnua ne nʼakanea ne ngo;

AKCB: 15AKCB

aduhuam afɔremuka ne nnua a wɔde bɛsoa; ɔsrango ne aduhuam a eyi hua pa,nsɛnanim a wɔde bɛsɛn Ahyiae Ntamadan no pon ano;

AKCB: 16AKCB

kɔbere Afɔremuka a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre, kɔbere ntwitae ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma,ne nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu,

AKCB: 17AKCB

adiwo hɔ no ntwamtam, adum ne ne nnyinaso, ntama a wɔde bɛkata adiwo hɔ kwan ano,

AKCB: 18AKCB

Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ nnua ne ne ntampehama,

AKCB: 19AKCB

asɔfotade a ɛyɛ fɛ a ɔsɔfo no bɛhyɛ asɔre wɔ kronkronbea hɔ ne Aaron ntade kronkron a sɛ ne mmabarima no yɛ asɔfodwuma a, wɔbɛhyɛ bi.”

AKCB: 20AKCB

Na Israelmma nyinaa fii Mose anim,

AKCB: 21AKCB

na wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn koma no de wɔn akyɛde a wɔde besi Ahyiae Ntamadan no ne ɛho nneɛma ne nea wɔde bɛpam atade kronkron no bae.

AKCB: 22AKCB

Mmea ne mmarima a asɛm no kaa wɔn koma no nyinaa bae. Wɔde sikakɔkɔɔ, agude, nsonkaa, nkaa, kɔnmuade ne sika adwinne bebree brɛɛ Awurade.

AKCB: 23AKCB

Wɔn a wɔwɔ ntama pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibiri, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, odwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nwoma a ɛyɛ fɛ nso de bae.

AKCB: 24AKCB

Afoforo nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ Awurade sɛ wɔn akyɛde. Ebinom de ɔkanto nnua nso bae.

AKCB: 25AKCB

Mmea no bi a wonim adepam yiye no too asaawa tuntum, bibiri ne koogyan de yɛɛ ntama a ɛyɛ fɛ de brɛɛ Awurade.

AKCB: 26AKCB

Afoforo nso de anigye nam wɔn dom akyɛde so de abirekyi nwi yɛɛ ntama.

AKCB: 27AKCB

Mpanyimfo a wodi wɔn anim no de abo a ɛte sɛ apopobibiri bae sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo.

AKCB: 28AKCB

Wɔde nnuhuam ne ngo a wɔde begu akanea mu ne nea wɔde bɛfra ɔsrango no ne nnuhuam no ama adi mu no nso bae.

AKCB: 29AKCB

Eyi di ho adanse sɛ Israel mmarima ne mmea a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadi a Awurade nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no fi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛde brɛɛ no.

AKCB: 30AKCB

Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Awurade ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu nena

AKCB: 31AKCB

no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde besi Ahyiae Ntamadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu.

AKCB: 32AKCB

Obetumi adi adwinni afi sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu.

AKCB: 33AKCB

Obetumi adi abo adwinni na obetumi asen nnua nso; nokware mu, ɔwɔ ɔdom akyɛde bebree.

AKCB: 34AKCB

Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusuakuw mu babarima ɔdom akyɛde a wɔnam so kyerɛ afoforo ade.

AKCB: 35AKCB

Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛde sononko sɛ adwumfo, duadwumfo, adenwenfo a wotumi nwen nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan mu. Wonim saa adwinne yi nyinaa di ma ɛboro so.