Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛto So Abien (Ɛksodɔs) 31

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛto So Abien (Ɛksodɔs) 31 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose se,

AKCB: 2AKCB

“Mapaw Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nena a ofi Yuda abusua mu no

AKCB: 3AKCB

de Onyankopɔn Honhom, nyansa, ntease, nimdeɛ ne nnepa ahorow nyinaa ahyɛ no mma

AKCB: 4AKCB

sɛ ɔmfa nyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow,

AKCB: 5AKCB

sɛ ɔmfa nyɛ abo ne dua dwumfo ne adwinni ahorow nyinaa.

AKCB: 6AKCB

Bio, mayi Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne boafo.“Ɛno akyi no, mama adwumayɛfo no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi adi dwuma biara a makyerɛ sɛ munni no:

AKCB: 7AKCB

“Ahyiae Ntamadan,Apam Adaka ne mpata agua neAhyiae Ntamadan no mu ahyehyɛde nkae no nyinaa;

AKCB: 8AKCB

ɔpon no ne so nneɛma,sikakɔkɔɔ kaneadua ne ho nneɛma,ohuam afɔremuka;

AKCB: 9AKCB

ɔhyew afɔremuka ne ho nneɛma,nsankason ne ne nnyinaso;

AKCB: 10AKCB

ɔsɔfo Aaron ntade kronkron fɛɛfɛ none ne mma ntade bere a wɔsom sɛ asɔfo no;

AKCB: 11AKCB

ne ɔsra ngo ne Kronkronbea hɔ aduhuam no.“Ɛsɛ sɛ wɔfa kwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ eyinom nyinaa.”

AKCB: 12AKCB

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,

AKCB: 13AKCB

“Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ edu Homeda a, monhome. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam, na moahu sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.’ 

AKCB: 14AKCB

“ ‘Munni Homeda no, efisɛ ɛyɛ da kronkron. Obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. Na nea ɔbɛyɛ adwuma saa da no nso, wobekum no.

AKCB: 15AKCB

Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ Homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no.

AKCB: 16AKCB

Ɛsɛ sɛ Israelfo no di Homeda no, wonni mma awo ntoatoaso no nhu sɛ ɛyɛ apam afebɔɔ.

AKCB: 17AKCB

Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. Efisɛ nnansia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, na ɔhomee da a ɛto so ason no.’ ”

AKCB: 18AKCB

Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so wiee no, ɔde abo pon abien a ɔde ne nsa akyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no maa no.