Scripture
Mose Nhoma A Ɛto So Abien (Ɛksodɔs) 15
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mose Nhoma A Ɛto So Abien (Ɛksodɔs) 15 Bible text
Na Mose ne Israelfo no too saa dwom yi de kamfoo Awurade:“Mɛto dwom ama Awurade, efisɛwadi nkonim anuonyam mu;Watow ɔpɔnkɔ ne ne sotefo noagu po mu.
“Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwomne me nkwagye.Ɔyɛ me Nyankopɔn, na mɛkamfo no.Ɔyɛ mʼagya Nyankopɔn, mɛma no so.
Farao nteaseɛnam ne nʼakofo, watow wɔn agu po mu.Wɔamemem wɔ Po Kɔkɔɔ mu.Misraim akofo atitiriwawuwu asorɔkye ase.
Wo nsa nifa, Awurade,tumi ne anuonyam ahyɛ no ma;wo nsa nifa, Awurade,atetew atamfo mu pasaa.
“Wo tumi kɛse no muna wonam tuu wɔn a wotia wo no gui.Womaa wʼabufuwbɛhyew wɔn sɛnea ogya hyew sare.
Ɔtamfo kae se,‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn.Mɛtwe mʼafoa wɔ wɔn soatwitwa wɔn asinasin.’
Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu?Hena na ɔte sɛ wo?Obirɛmpɔn, wɔ kronkronyɛ mu;nea yɛde osuro kronkron ma nʼanuonyam,Ɔnwonwani Nyankopɔn.
Woadi nnipa a wugyee wɔn no anim.Wʼayamye mu,wubedi wo nkurɔfo a woagye wɔn anim.Wʼahoɔden mu, wobɛkyerɛ wɔn kwanakɔ wo tenabea kronkron hɔ.
Edom mpanyimfo besuro.Atumfo a wɔwɔ Moab ho bɛwosow.Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa bɛbɔ huboa.
Ehu ne suro bɛtɔ wɔn so. Awurade, wo tumi nti,wɔremma yɛn so!Wo nkurɔfo a wotɔɔ wɔnBetwa wɔn ho asomdwoe mu.
Wode wɔn bɛba abedua wɔnwɔ wo bepɔw so,wo ara wo fi hɔ, Awurade—Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no.
Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafo ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa po no mu; nanso Awurade buu nsu afasu no guu wɔn so bere a na Israelfo no nam mu sɛ asase wosee so.
Ɛhɔ na Odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron nuabea faa akyene bi bɔ de dii mmea no anim ma wɔsawee.
Ɛnna Miriam too saa dwom yi:“Monto dwom mma Awuradena wadi nkonim anuonyam mu.Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefoamem po ase.”
Afei, Mose dii Israelfo no anim ne wɔn tu fii Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur sare so. Na wɔnantew sare no so nnansa a wɔannya nsu annom.
Woduu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsu, efisɛ na ɛyɛ nwene. Ɛno nti na wɔfrɛ hɔ Mara no; ase ne: Nweenwen.
Mose srɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dubaa bi. Na ɔtow too nsu no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wotumi nomee.Mara hɔ na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn se,
“Sɛ mubetie Awurade mo Nyankopɔn nne, na moayɛ osetie ayɛ ade trenee de a, ɔyare a mema ɛbɔɔ Misraimfo no, meremma bi mmɔ mo, efisɛ mene Awurade a mesa mo nyarewa.”
Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ, nti wosisii wɔn ntamadan, tenaa mmura no ho.