Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnum (Deuteronomium) 27

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnum (Deuteronomium) 27 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mose ne Israel mpanyimfo hyɛɛ ɔmanfo no se, “Munni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so.

AKCB: 2AKCB

Sɛ mutwa Yordan kodu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhyehyɛ abo akɛse na momfa akaadoo nsra ho.

AKCB: 3AKCB

Sɛ mutwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so, asase a ɛwo ne nufusu resen so no so a, monkyerɛw mmara no nyinaa ngu so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no.

AKCB: 4AKCB

Na sɛ mutwa Yordan a, monhyehyɛ abo yi wɔ Ebal bepɔw so sɛnea merehyɛ mo nnɛ yi na momfa akaadoo nsra ho.

AKCB: 5AKCB

Munsi afɔremuka, abo afɔremuka wɔ hɔ mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mommfa dade biribiara nka.

AKCB: 6AKCB

Momfa abo amuamu nsi Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no na mommɔ ɔhyew afɔre wɔ so mma Awurade, mo Nyankopɔn no.

AKCB: 7AKCB

Mommɔ asomdwoe afɔre nso wɔ so na momfa anigye nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim.

AKCB: 8AKCB

Monkyerɛw mmara no mu nhyehyɛe nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu abo a wɔde akaadoo asra ho no so.”

AKCB: 9AKCB

Afei, Mose ne Lewifo asɔfo kasa kyerɛɛ Israelfo no se, “Israel, monyɛ komm na muntie! Nnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, manfo.

AKCB: 10AKCB

Monyɛ osetie mma Awurade, mo Nyankopɔn no, na munni ne mmara ne nʼahyɛde a mede rema mo nnɛ yi so.”

AKCB: 11AKCB

Saa da no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfo no se:

AKCB: 12AKCB

Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan a Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuw na wonnyina Gerisim bepɔw so nhyira ɔman no.

AKCB: 13AKCB

Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuw nso nnyina Ebal bepɔw so nnome.

AKCB: 14AKCB

Lewifo nteɛteɛ mu nworo ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so se:

AKCB: 15AKCB

“Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa nea wɔagu de ahyɛ kokoa mu. Saa ahoni, adwumfo nsa ano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwade.”Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

AKCB: 16AKCB

“Nnome nka obiara a obebu nʼagya anaa ne na animtiaa.”Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

AKCB: 17AKCB

“Nnome nka obiara a opia ɔhye nam so bɔ ne yɔnko korɔn.”Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

AKCB: 18AKCB

“Nnome nka obiara a ɔma onifuraefo fom kwan.”Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

AKCB: 19AKCB

“Nnome nka obiara a osisi ahɔho, nyisaa ne akunafo.”Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

AKCB: 20AKCB

“Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, efisɛ wagu nʼagya mpa ho fi.”Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

AKCB: 21AKCB

“Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.”Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

AKCB: 22AKCB

“Nnome nka obiara a ɔne ne nuabea bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babea anaa ne na babea.”Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

AKCB: 23AKCB

“Nnome nka obiara a ɔne nʼasebea bɛda.”Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

AKCB: 24AKCB

“Nnome nka obiara a obekum ɔfoforo wɔ kokoa mu.”Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

AKCB: 25AKCB

“Nnome nka obiara a ogye apaade, kum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.”Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”

AKCB: 26AKCB

“Nnome nka obiara a wanni mmara nsɛm yi so na wannye anto mu.”Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”