Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnum (Deuteronomium) 14

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Nnum (Deuteronomium) 14 Bible text

AKCB: 1AKCB

Moyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, mma. Ɛno nti monnsesa mo ho anaa monntworɔtworɔw mo moma so mma awufo,

AKCB: 2AKCB

efisɛ, moyɛ nnipa kronkron ma Awurade, mo Nyankopɔn no. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade ayi mo sɛ nʼagyapade a ɛsom bo.

AKCB: 3AKCB

Munnni akyiwade biara.

AKCB: 4AKCB

Eyinom ne mmoa a ɛsɛ sɛ mowe: nantwi, oguan, abirekyi

AKCB: 5AKCB

ɔforote, adowa, ɔwansan, ewi, ɔtwe, ne ɛko.

AKCB: 6AKCB

Na munni tɔteboa biara a ne tɔte mu apae abien na opuw wosaw.

AKCB: 7AKCB

Nanso ntɔteboa a wopuw wosaw anaa wɔn tɔte mu apae abien no mu no, monnwe yoma, adanko ne atwaboa, efisɛ, wopuw wosaw de, nanso wɔn tɔte mu mpae; wɔn ho ntew mma mo.

AKCB: 8AKCB

Prako nso ho ntew. Ɛwɔ mu sɛ ne tɔte mu apae de, nanso ompuw nwosaw. Ɛnsɛ sɛ mowe ne nam anaa mode mo nsa so ne funu mu koraa.

AKCB: 9AKCB

Nsumnam a wɔwɔ ntɛtɛ ne abon nyinaa mutumi we.

AKCB: 10AKCB

Nanso nsumnam a wonni ntɛtɛ ne abon de, monnwe. Wɔn ho ntew mma mo.

AKCB: 11AKCB

Anomaa biara a ne ho tew no, monwe.

AKCB: 12AKCB

Nnomaa a ɛnsɛ sɛ mowe ni: ɔkɔre, opete, asu so kɔre,

AKCB: 13AKCB

ɔkompete, nkorɔma ahorow nyinaa

AKCB: 14AKCB

kwaakwaadabi ahorow nyinaa,

AKCB: 15AKCB

sohori, anadwo akoroma, ɛpo so asomfena ne akoroma ahorow nyinaa,

AKCB: 16AKCB

patu, ɔpatukɛse, bakanoma

AKCB: 17AKCB

nantwinoma, opete ne ɛpo so kwaakwaadabi,

AKCB: 18AKCB

ne asukɔnkɔn ahorow nyinaa, asuɔkwaa ne ampan.

AKCB: 19AKCB

Ntummoa a wɔwea nyinaa ho ntew mma mo; monnwe.

AKCB: 20AKCB

Nanso aboa a ɔwɔ ntaban a ne ho tew biara no motumi we.

AKCB: 21AKCB

Monnwe aboa biara a mubehu sɛ wawu. Momfa mma ɔhɔho a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa de, monnwe, efisɛ wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Nyankopɔn no.Monnnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.

AKCB: 22AKCB

Afe biara monhwɛ na munyi mo mfuw mu nnɔbae nkyɛmu du mu baako.

AKCB: 23AKCB

Munni mo atoko, nsa, ne ngo, ne mo anantwi ne nguan abakan wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛpaw sɛ ɛyɛ atenae wɔ ne din mu na ama moasua sɛnea wosi di Awurade, mo Nyankopɔn no ni daa.

AKCB: 24AKCB

Sɛ beae a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛkyerɛ mo sɛ monkamfo ne din no ne nea mote no ntam kwan ware a,

AKCB: 25AKCB

ɛno de, momfa mo ntotoso du du no nsesa dwetɛ na momfa dwetɛ no nkɔ beae a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no.

AKCB: 26AKCB

Sɛ mudu hɔ a, momfa sika no ntɔ biribiara a mo kɔn dɔ, sɛ ebia, nantwi, oguan, bobesa, anaa nsa biara a ɛyɛ den ne ade biara a mo kra pɛ na mo ne mo fifo nni wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim na mo ani nnye.

AKCB: 27AKCB

Na mummu mo ani ngu Lewifo a wɔfra mo mu no so, efisɛ wonni wɔn ankasa wɔn agyapade biara.

AKCB: 28AKCB

Mfe abiɛsa biara awiei no, momfa mo nnɔbae so ntotoso du du no mmra mmɛkora wɔ mo nkurow mu,

AKCB: 29AKCB

sɛnea ɛbɛyɛ a Lewifo a wonni agyapade mu kyɛfa wɔ mo mu no ne ananafo a wɔwɔ mo nkurow so ne nyisaa ne akunafo a wɔwɔ mo nkurow so no betumi adidi amee; na ama Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so.