Skip to main content

Scripture

Asomafo No Nnwuma 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Asomafo No Nnwuma 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

Pentekoste da no duu no, na asuafo no nyinaa ahyia wɔ faako.

AKCB: 2AKCB

Amono mu hɔ ara, nne bi te sɛ ahum a ɛretu fi ɔsoro ba bɛhyɛɛ ofi a na wɔwɔ mu no ma.

AKCB: 3AKCB

Ogya a ɛredɛw a ɛte sɛ tɛkrɛma besisii wɔn so mmaako mmaako.

AKCB: 4AKCB

Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn ho kwan no.

AKCB: 5AKCB

Saa bere no na Yudafo bi a wɔfɛre Nyame fi mmeaemmeae aba Yerusalem.

AKCB: 6AKCB

Wɔtee nea ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi behyiae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw, efisɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.

AKCB: 7AKCB

Enti wobisae se, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafo ana?

AKCB: 8AKCB

Na adɛn nti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwonwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ

AKCB: 9AKCB

Partifo, Mediafo ne Elamfo, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia,

AKCB: 10AKCB

Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu,

AKCB: 11AKCB

ne Kretafo ne Arabfo mu biara kasa mu yi?”

AKCB: 12AKCB

Wɔde ahodwiriw bisae se, “Eyi ase ne dɛn?”

AKCB: 13AKCB

Afoforo nso dii wɔn ho fɛw se, “Saa nnipa yi abobow nsa.”

AKCB: 14AKCB

Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneennen kyerɛɛ nnipa no se, “Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi.

AKCB: 15AKCB

Saa nnipa yi mmow nsa sɛnea mususuw no, efisɛ ade nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsa bow.

AKCB: 16AKCB

Asɛm a asi yi na odiyifo Yoel hyɛɛ ho nkɔm se:

AKCB: 17AKCB

“ ‘Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no,mehwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.Mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm,mo mmerante nso ahu anisoade.Na mo mpanyin nso asoso adae.

AKCB: 18AKCB

Saa mmere no mu no,mehwie me Honhom agu mʼasomfo mpo so,mmarima ne mmea, ama wɔahyɛ nkɔm.

AKCB: 19AKCB

Mede mogya ne ogya ne wusiw kumɔnnbɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnnewɔ ɔsoro ne asase so.

AKCB: 20AKCB

Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no,owia beduru sumna ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.

AKCB: 21AKCB

Na obiara a ɔbɛbɔAwurade din no benya nkwa.’

AKCB: 22AKCB

“Israelfo, muntie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a obedii no daa adi wɔ tumi ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nam ne so yɛe a mo ankasa di ho adanse no mu.

AKCB: 23AKCB

Onyankopɔn ankasa fi ne pɛ ne ne nhumu mu sii gyinae yii Yesu maa mo, na mode no maa nnebɔneyɛfo ma wɔbɔɔ no asennua mu kum no.

AKCB: 24AKCB

Nanso Onyankopɔn nyan no fii owu mu ma oyii no fii owuyaw mu, efisɛ owu antumi anni ne so.”

AKCB: 25AKCB

Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ,“Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti,merenhinhim da.

AKCB: 26AKCB

Ɛno nti me kra ani gye, na me tɛkrɛma di ahurusi.Me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu.

AKCB: 27AKCB

Efisɛ worennyaw me awufo mu.Na woremma wo Kronkronni no mporɔw.

AKCB: 28AKCB

Woakyerɛ me nkwagye kwan;na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.

AKCB: 29AKCB

“Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panyin Dawid ho. Owui na wosiee no, na ne nna da so wɔ hɔ besi nnɛ.

AKCB: 30AKCB

Na ɔyɛ odiyifo a onim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ se ɔbɛyɛ Dawid asefo no mu baako ɔhene, sɛnea Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ.

AKCB: 31AKCB

Dawid huu nea Onyankopɔn rebɛyɛ no ɔkasa faa owusɔre a ɛfa Agyenkwa no ho se, ‘Wɔannyaw no awufo mu. Ne honam nso amporɔw.’

AKCB: 32AKCB

Onyankopɔn anyan saa Yesu yi afi owu mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho nnansefo.

AKCB: 33AKCB

Wɔahyɛ no anuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so, na ɛho nsɛnkyerɛnne na muhu na mote yi.

AKCB: 34AKCB

Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom ɔkae se,“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se,“Tena me nsa nifa so ha,

AKCB: 35AKCB

kosi sɛ mede wʼatamfobɛyɛ wʼanan ntiaso.” ’

AKCB: 36AKCB

“Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asennua mu.”

AKCB: 37AKCB

Bere a nnipa no tee saa asɛm yi, ɛhaw wɔn yiye. Enti wobisaa Petro ne asomafo a wɔaka no se, “Anuanom, dɛn na yɛnyɛ?”

AKCB: 38AKCB

Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no.

AKCB: 39AKCB

Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”

AKCB: 40AKCB

Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn se, “Munnye mo ho mfi asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfo yi so no mu.”

AKCB: 41AKCB

Wɔn mu dodow no ara gyee asɛm no di ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa da no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifo no ho.

AKCB: 42AKCB

Daa na wɔde wɔn adagyew nyinaa sua asomafo no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpae.

AKCB: 43AKCB

Asomafo no yɛɛ anwonwade ahorow bebree ma obiara a ohuu no ho dwiriw no.

AKCB: 44AKCB

Gyidifo no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa koro, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahode mu memaa wɔn ho wɔn ho.

AKCB: 45AKCB

Wɔtɔn wɔn ahode kyekyɛɛ sika a wonya fii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛho hia obiara.

AKCB: 46AKCB

Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigye ne koma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afi mu. Wɔkamfoo Onyankopɔn, nyaa anuonyam wɔ nnipa anim.

AKCB: 47AKCB

Da biara na Awurade de wɔn a ogye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.