Scripture
Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Timoteo 4
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Timoteo 4 Bible text
Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo ntɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahenni no so hyɛ wo sɛ,
ka asɛm no, na bere biara gyina ne ka mu dennen yi ntɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ wɔ boasetɔ mu.
Bere bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom wobedi wɔn ara wɔn asɛde akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfo a wɔbɛka nsɛm a wɔrehwehwɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn.
Nanso mmere nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yiye. Mia wʼani wɔ amanehunu mu. Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn somfo.
Afei nea ɛwɔ ma me ne nkonim akyɛde, trenee ahenkyɛw a Awurade a ɔyɛ Otemmufo treneeni no de bɛma me da no, ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔatena ase wɔ ɔdɔ mu atwɛn no no nyinaa.
Dema dɔɔ nnɛ wiase yi ma ɔyɛɛ saa guan gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia.
Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, efisɛ obetumi aboa me adwuma no yɛ.
Sɛ woreba a, fa mʼatade a migyaw wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troa no brɛ me. Ɛyɛ a, fa me nwoma mmobɔwee no nso ka ho, ne titiriw no nea wɔde aboa nwoma yɛe no.
Bere a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa guan gyaa me. Onyankopɔn mfa nkyɛ wɔn.
Nanso Awurade ne me tena maa me ahoɔden ma mitumi kaa asɛm no kyerɛɛ amanamanmufo ma wotiei. Ogyee me fii gyata anom.
Na Awurade begye me afi bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahenni no mu wɔ asomdwoe mu. Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen.
Bɔ mmɔden bra ansa na awɔwbere adu.Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyiakyia wo.