Scripture
Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Timoteo 2
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Timoteo 2 Bible text
Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansefo bebree no, na fa hyɛ nnipa a wugye wɔn di na wobetumi akyerɛ afoforo nso nsa.
Saa ara nso na obi a ɔfra akansi mu a otu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ odi akansi no mmara so.
Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wonyan no fi awufo mu sɛnea wɔkaa no wɔ Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no.
Esiane sɛ meka Asɛmpa no nti mihu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛni. Nanso wonguu Onyankopɔn asɛm no nkɔnsɔnkɔnsɔn ɛ.
Ɛno nti, migyina biribiara a ɛbɛba me so no ano ma wɔn a wɔapaw wɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya nkwagye ne anuonyam a enni awiei a ɛwɔ Kristo Yesu mu no bi.
Monkae mo nkurɔfo wɔ eyi ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim se wɔnnham wɔn nsɛm ho, na mfaso biara nni so; na ɛsɛe atiefo adwene kɛkɛ.
Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛni a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.
Nea wɔkyerɛ no te sɛ akisikuru a ɛtrɛw fa ɔhonam no ani. Saa akyerɛkyerɛfo yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto.
Wɔaman afi nokware no ho na wɔka kyerɛ agyidifo bi se, yɛn wusɔre no atwam dedaw nam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene.
Nanso obi rentumi nhinhim fapem dennen a Onyankopɔn ato no, efisɛ wɔakyerɛw wɔ so se, “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de,” na “Ɛsɛ obiara a ɔka se ɔyɛ Awurade de no sɛ ɔtwe ne ho fi bɔne ho.”
Nkuku ne nkaka wɔ ofi kɛse mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, bi nso wɔde sikakɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforo nso wɔde dɔte. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforo nso de di dwuma daa.
Sɛ obi tew ne ho fi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko efisɛ watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ odi no, obedi.
Guan fi mmerantebere mu akɔnnɔ ho, na tiw nneɛma a ɛho tew te sɛ: trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma pa mu bɔ mu frɛ Awurade ma ɔboa no akyi.
Ɛnsɛ sɛ Awurade somfo ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamye ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a ɔwɔ boasetɔ nso
a sɛ wɔn a wɔne no di asi fom a, ɔtɔ ne bo ase teɛ wɔn, sɛ ebia Onyankopɔn bɛsakra wɔn adwene ama wɔahu nokware no.
Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔaguan afi ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛde no afiri mu.