Skip to main content

Scripture

Samuel Nhoma A Ɛto So Abien 4

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Samuel Nhoma A Ɛto So Abien 4 Bible text

AKCB: 1AKCB

Bere a Is-Boset tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no, nʼaba mu bui, na saa ara nso na ne nkurɔfo no bɔɔ huboa.

AKCB: 2AKCB

Afei, na anuanom baanu a wɔn din de Baana ne Rekab na na wɔyɛ asafohene ma Is-Boset akofo no. Na wɔyɛ Rimon a ofi Benyamin fi wɔ Beerot kurow mu no mmabarima. Wɔfa no sɛ kurow Beerot ka Benyamin ho,

AKCB: 3AKCB

efisɛ wɔn a na wɔte Beerot mmere bi no guan kɔɔ Gitaim a wɔda so te hɔ sɛ ahɔho de besi nnɛ yi.

AKCB: 4AKCB

Na Saulo babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafo fi ne mmofraase. Wokum Saulo ne Yonatan wɔ Yesreel akono no, na abofra no adi mfe anum. Bere a ɔko no ho asɛm duu kurow no mu no, obi a ɔhwɛ abofra no kyekyeree no de no guanee. Nanso bere a ɔreguan no, ɔhwee ase maa abofra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafo.

AKCB: 5AKCB

Da bi, Beerotni, Rimon mmabarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fi awia bere mu a na ɔregye nʼahome.

AKCB: 6AKCB

Wowuraa mu kɔɔ ne pia mu te sɛnea wɔrekɔpɛ awi, kɔwɔɔ ne yafunu mu afoa. Afei Rekab ne Baana wiawiaa wɔn ho guanee.

AKCB: 7AKCB

Ansa na wɔbɛkɔ no, wotwaa ne ti bere a ɔda ne mpa so. Wɔfaa ne ti no kotwaa Yordan bon no, nantew anadwo mu no nyinaa kɔe.

AKCB: 8AKCB

Wɔde Is-Boset ti no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, “Wo tamfo Saulo a anka ɔrehwehwɛ wo akum wo no babarima Is-Boset ti ni. Nnɛ, Awurade ama me wo aweretɔ ho kwan atia Saulo ne nʼabusua.”

AKCB: 9AKCB

Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana se, “Mmere dodow a Awurade a ogyee me fii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokware akyerɛ mo.

AKCB: 10AKCB

Bere a onipa bi bɛka kyerɛɛ me se, ‘Saulo awu’ a na osusuw sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kum no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no.

AKCB: 11AKCB

Na akatua bɛn na memfa mma amumɔyɛfo a wɔakum obi a ne ho nni asɛm wɔ ne fi bere a ɔda ne mpa so? Ɛnsɛ sɛ mibisa ne mogya fi mo nsam ana?”

AKCB: 12AKCB

Enti Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wokunkum wɔn. Wotwitwaa wɔn nsa ne wɔn anan, na wɔde asin no sensɛn Hebron ɔtare ho. Na wɔfaa Is-Boset ti no kosiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.