Skip to main content

Scripture

Samuel Nhoma A Ɛto So Abien 13

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Samuel Nhoma A Ɛto So Abien 13 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Dawid babarima Absalom wɔ nuabea bi a na ne ho yɛ fɛ yiye. Na saa ɔbea no din de Tamar. Na Amnon a ɔyɛ ne nuabarima no kɔn dɔɔ no.

AKCB: 2AKCB

Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kosii sɛ ɛbɔɔ no yare. Na ɔyɛ ɔbabun nti, na na ɛyɛ sɛ Amnon rentumi nyɛ no hwee.

AKCB: 3AKCB

Na Amnon wɔ adamfo onifirifo bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima.

AKCB: 4AKCB

Da koro bi, Yonadab bisaa Amnon se, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no se, “Medɔ Tamar, Absalom nuabea no.”

AKCB: 5AKCB

Yonadab kae se, “Eye, mɛkyerɛ wo nea wobɛyɛ. San kɔ na kɔda wo mpa so, na hyɛ da yɛ sɛnea woyare no. Sɛ wʼagya behu wo a, ka kyerɛ no se ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduan bi mma wo nni. Ka kyerɛ no se, sɛ ɔno brɛ wo aduan di a, wo ho bɛtɔ wo.”

AKCB: 6AKCB

Enti Amnon patuw yaree. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma minni.”

AKCB: 7AKCB

Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fi, kɔnoaa aduan maa no.

AKCB: 8AKCB

Bere a Tamar duu Amnon fi hɔ no, ɔkɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu, sɛnea sɛ Tamar refɔtɔw asikresiam a obehu. Enti ɔtoo brodo sononko bi maa no.

AKCB: 9AKCB

Nanso ɔde aduan no guu apampaa so besii nʼanim no, wampɛ sɛ odi. Na Amnon ka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔwɔ hɔ no se, “Obiara mfi ha nkɔ!” Enti wɔn nyinaa kɔe.

AKCB: 10AKCB

Afei, ɔka kyerɛɛ Tamar se, “Fa aduan no brɛ me wɔ me pia mu, na bubu hyɛ mʼano.” Enti Tamar maa so de kɔɔ hɔ.

AKCB: 11AKCB

Na bere a ogu so de rema no no, ɔtow hyɛɛ ne so, na ɔkae se, “Wo ne me nna, me nuabea ɔdɔfo.”

AKCB: 12AKCB

Na Tamar teɛɛ mu se, “Dabi da, onuabarima! Nyɛ saa amumɔyɛde yi! Nyɛ me saa! Wunim sɛ, sɛ woyɛ a, ɛyɛ bɔne kɛse wɔ Israel.

AKCB: 13AKCB

Na ɛhe na anka mede saa aniwu no bɛfa? Na wɔbɛka sɛ, wo nso woyɛ nkwaseafo akɛse a wɔwɔ Israel no mu baako. Mesrɛ wo, ka biribi kɛkɛ kyerɛ ɔhene, na ɔbɛma woaware me.”

AKCB: 14AKCB

Nanso Amnon ampene so. Na esiane sɛ ɔwɔ ahoɔden sen Tamar nti, ɔtoo no mmonnaa.

AKCB: 15AKCB

Ɛhɔ ara, Amnon dɔ no dan ɔtan. Ɔtan no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔteɛteɛɛ mu se, “Fi ha kɔ ntɛm!”

AKCB: 16AKCB

Tamar nso teɛteɛɛ mu se, “Dabi da. Sɛ worepam me afi ha mprempren no yɛ bɔne kɛse koraa sen nea woayɛ me dedaw no.”Nanso Amnon ampɛ sɛ obetie no.

AKCB: 17AKCB

Ɔteɛɛ mu frɛɛ ne somfo hyɛɛ no se, “Pam saa ɔbea yi fi ha, na to pon no mu!”

AKCB: 18AKCB

Enti ɔsomfo no pam no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛnea na amanne kyerɛ wɔ ɔhene babea a ɔyɛ ɔbabun ho no.

AKCB: 19AKCB

Nanso Tamar sunsuan ne batakari no mu, de nsõ guu ne ti mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de osu sii kwan so.

AKCB: 20AKCB

Ne nuabarima Absalom huu no bisaa no se, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada ana? Yɛ dinn, me nuabea; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wo koma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhonibea wɔ Absalom fi.

AKCB: 21AKCB

Bere a ɔhene Dawid tee asɛm no, ne bo fuw yiye.

AKCB: 22AKCB

Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso ɔtan Amnon yiye, efisɛ wagu ne nuabea Tamar anim ase.

AKCB: 23AKCB

Mfe abien akyi, da koro bi a na wɔretwitwa Absalom nguan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hye so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmabarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ.

AKCB: 24AKCB

Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Me nguan nwitwitwafo reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfo bɛba abɛka me ho ana?”

AKCB: 25AKCB

Ɔhene buae se, “Dabi, me ba. Ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo.” Ɛwɔ mu sɛ Absalom hyɛɛ no de, nanso wampene sɛ ɔbɛkɔ, na ohyiraa no kosɛkosɛ.

AKCB: 26AKCB

Na Absalom kae se, “Sɛ saa na ɛte de a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.”Ɔhene no bisaa no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbɛka mo ho?”

AKCB: 27AKCB

Nanso ɔhyɛɛ no nti, ɔmaa Amnon ne ahenemma no nyinaa bɛkaa ne ho.

AKCB: 28AKCB

Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no se, “Muntie! Montwɛn na Amnon mmow nsa, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnne na moakum no. Munnsuro. Me ara na mahyɛ mo sɛ monyɛ saa. Momfa akokoduru nyɛ.”

AKCB: 29AKCB

Enti Absalom mmarima no yɛɛ Amnon saa, sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei, ahene mmabarima no nyinaa sɔre tenatenaa wɔn mfurum so, na woguanee.

AKCB: 30AKCB

Bere a wɔresan akɔ Yerusalem no, saa asɛm yi duu Dawid asom se, “Absalom akunkum wo mmabarima no nyinaa a anka ɔbaako koraa.”

AKCB: 31AKCB

Ɔhene no huruw sii fam, sunsuan nʼatade mu, daa fam. Nʼafotufo nyinaa de ahodwiriw ne awerɛhow sunsuan wɔn ntade mu, dedaa fam saa ara.

AKCB: 32AKCB

Nanso ankyɛ biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no beduu hɔ kae se, “Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Efi bere a Amnon too ne nuabea Tamar mmonnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa.

AKCB: 33AKCB

Dabi, wo mma no nyinaa nwuwui saa. Ɛyɛ Amnon nko ara.”

AKCB: 34AKCB

Saa bere no, na Absalom aguan.Ɔwɛmfo a ɔwɔ Yerusalem fasu so no huu sɛ dɔm kɛse fi atɔe fam reba kurow no mu. Otuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amanneɛ se, “Mahu sɛ dɔm fi Horonaim kwan a ɛda bepɔw no nkyɛn mu hɔ no so reba.”

AKCB: 35AKCB

Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Wɔn na wɔreba no! Wo mma no reba sɛnea mekae no.”

AKCB: 36AKCB

Ankyɛ na wobedui a, wɔretwa adwo, tew nisu, na ɔhene ne ne mpanyimfo nso twaa agyaadwo.

AKCB: 37AKCB

Na Dawid suu ne babarima Amnon nna bebree. Na Absalom guan kɔɔ ne nena barima Talmai a na ɔyɛ Amihud a na ɔyɛ ɔhene Gesur no babarima nkyɛn.

AKCB: 38AKCB

Ɔkɔtenaa Gesur hɔ mfe abiɛsa.

AKCB: 39AKCB

Na Dawid a afei wagyae Amnon wu no ho asɛm no pɛɛ sɛ ɔne ne babarima Absalom san ka bɔ mu.