Scripture
Samuel Nhoma A Ɛto So Abien 1
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Samuel Nhoma A Ɛto So Abien 1 Bible text
Ne nnansa so no, ɔbarima bi fi Saulo nsraban mu a watetew ne ntade mu, atu mfutuma agu ne ti mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo bae. Oduu Dawid nkyɛn no, ɔdan ne ho hwee fam nidi mu.
Dawid bisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kosii dɛn?”Ɔkae se, “Mmarima no guan fii akono. Bebree totɔe. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ.”
Enti Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ no saa amanneɛ no se, “Ɛyɛɛ dɛn na wuhuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?”
Aberante no buae se, “Mikofii Gilboa bepɔw so, na mekɔtoo sɛ Saulo sɛn ne peaw so a atamfo no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefo mmɛn no ara.
“Enti migyinaa ne so kum no, efisɛ na minim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na mituu nʼahenkyɛw a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so atweaban no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”
Wotwaa ho agyaadwo, sui, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wu ne Awurade asraafo ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no.
Na Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amanneɛ no se, “Wufi he?”Na obuae se, “Meyɛ ɔhɔho Amalekni a mete mo asase so.”
Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako se, “Kum no!” Enti ɔbarima no twee nʼafoa de wɔɔ Amalekni no, kum no.
Na Dawid kae se, “Wʼano ayi mmusu ama wo ama woawu, efisɛ wo ara na wokae se woakum obi a Awurade asra no no.”
Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no din sɛ agyan dwom a wɔakyerɛw wɔ Yasar Nhoma mu.
“Monnka asɛm yi wɔ Gat,na Filistifo abɔ ose!Monnka wɔ Askelon mmɔnten so,na abosonsomfo anserew ahosɛpɛw mu.
“Gilboa mmepɔw,mma obosu anaa osu ntɔ ngu wo soanaa wo nsian so.Efisɛ ɛhɔ na woguu ɔkofo kɛse no akokyɛm ho fi;wɔremfa ngo nsra Saulo nkatabo ho bio.
Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛnna na Saulo ne Yonatan nni,wɔn mu antetew da, nkwa ne owu mu.Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔre;na wɔn ho yɛ den kyɛn gyata.
Misu wo, me nua Yonatan!Na wosom me bo yiye.Na wo dɔ a wowɔ ma me no yɛ nwonwa;emu dɔ sen ɔbea dɔ!