Skip to main content

Scripture

Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Korintofo 6

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Korintofo 6 Bible text

AKCB: 1AKCB

Anuanom a yɛne Onyankopɔn bɔ mu yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, munnnye no kwa.

AKCB: 2AKCB

Onyankopɔn se,“Bere a ɛsɛ mu no, mebua wo,na nkwagye da no, mɛboa wo.”Muntie! Dɔnhwerew yi mu na ɛsɛ sɛ munya Onyankopɔn adom, na nnɛ ne nkwagye da no.

AKCB: 3AKCB

Yɛmpɛ sɛ obiara benya yɛn adwuma ho asɛmmɔne aka, enti yɛmpɛ sɛ yɛde hintidua to obiara kwan mu.

AKCB: 4AKCB

Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amane nyinaa ano.

AKCB: 5AKCB

Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, dɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ akyen kɔm.

AKCB: 6AKCB

Nanso yɛnam yɛn kronkronyɛ, osuahu, boasetɔ ne ayamye so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Afei yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokware dɔ,

AKCB: 7AKCB

yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Trenee ne yɛn akode a yɛde kɔ ɔtamfo so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso.

AKCB: 8AKCB

Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wogu yɛn anim ase o, sɛ wɔyaw yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wobu yɛn sɛ atorofo nanso yɛka nokware.

AKCB: 9AKCB

Wɔyɛ wɔn ho sɛnea wonnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yewui, sɛnea muhu no, nanso yɛte ase. Ɛwɔ mu sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn.

AKCB: 10AKCB

Wɔmaa yɛn werɛ howee, nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafo, nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Ɛyɛ sɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.

AKCB: 11AKCB

Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn koma mu aka nokware no akyerɛ mo.

AKCB: 12AKCB

Yɛmfaa biribiara nhintaw mo wɔ yɛn koma mu, na mo na mode nsɛm ahintaw yɛn wɔ mo koma mu.

AKCB: 13AKCB

Mprempren, mekasa kyerɛ mo sɛ me mma: sɛnea yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nhintaw yɛn. Mummue mo koma mu!

AKCB: 14AKCB

Munnyaa mo ho mma abosonsomfo, efisɛ moyɛ no saa a, ɛnyɛ ye. Ɛbɛyɛ dɛn na nea eye ne nea enye behyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako?

AKCB: 15AKCB

Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne Ɔbonsam adwene ahyia? Dɛn na ogyidini ne nea ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ?

AKCB: 16AKCB

Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛe? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛnea Onyankopɔn no ankasa aka se,“Mede me nkurɔfo bɛyɛ me fina matena wɔn mu;mɛyɛ wɔn Nyankopɔnna wɔayɛ me nkurɔfo.”

AKCB: 17AKCB

Awurade se,“Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔmommfa mo ho nka biribiara a ɛho ntew.Montew mo ho mfi nea ɛho ntew hona megye mo.

AKCB: 18AKCB

Na,“Mɛyɛ mo Agya,na mobɛyɛ me mmabarima ne me mmabea.”Otumfo Awurade na ose.