Skip to main content

Scripture

Beresosɛm Nhoma A Ɛto So Abien 29

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Beresosɛm Nhoma A Ɛto So Abien 29 Bible text

AKCB: 1AKCB

Hesekia dii hene wɔ Yuda no, na wadi mfe aduonu anum. Na odii ade mfe aduonu akron wɔ Yerusalem. Na ne na yɛ Sakaria babea a ne din de Abia.

AKCB: 2AKCB

Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea nʼagya Dawid yɛe pɛpɛɛpɛ.

AKCB: 3AKCB

Afe a edi kan wɔ nʼahenni mu, ɔsram a edi kan no, Hesekia buebuee Awurade Asɔredan apon no, siesiee no.

AKCB: 4AKCB

Ɔfrɛfrɛɛ asɔfo no ne Lewifo no sɛ, wommehyia no wɔ Asɔredan no adiwo a ɛwɔ apuei fam hɔ.

AKCB: 5AKCB

Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Lewifo, muntie me! Munnwira mo ho, na munnwira Awurade, mo agyanom Nyankopɔn Asɔredan no nso. Munyiyi biribiara a efi aka no mfi kronkronbea hɔ.

AKCB: 6AKCB

Yɛn agyanom anni nokware, na wɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn anim. Wogyaw Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ no.

AKCB: 7AKCB

Afei, wɔtotoo Asɔredan no ntwironoo apon mu, dunum akanea no. Wogyaee nnuhuamhyew, gyaee ɔhyew afɔrebɔde a wɔde ba Israel Nyankopɔn, kronkronbea hɔ no.

AKCB: 8AKCB

Ɛno nti na Awurade abufuw aba Yuda ne Yerusalem so no. Wama yɛadan ahufo, ayamhyehyefo ne aserewde, sɛnea muhu no pefee no.

AKCB: 9AKCB

Wɔakunkum yɛn agyanom wɔ ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmabarima, yɛn mmabea ne yɛn yerenom sɛ nneduafo.

AKCB: 10AKCB

Nanso mprempren, me ne Awurade, Israel Nyankopɔn bɛyɛ apam sɛnea nʼabufuwhyew no befi yɛn so.

AKCB: 11AKCB

Me mma, afei monnto mo nnwuma asaworam. Awurade ayi mo sɛ munnyina nʼanim nsom no, na munni ɔmanfo anim nsom no na monhyew nnuhuam.”

AKCB: 12AKCB

Afei saa Lewifo yi hyɛɛ dwumadi no ase.Wɔn a wofi Kohat abusua mu no yɛ:Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoel.Wɔn a wofi Merari abusua mu no yɛ:Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria.Wɔn a wofi Gerson abusua mu yɛ:Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden;

AKCB: 13AKCB

Wɔn a wofi Elisafan abusua mu yɛ:Simri ne Yeiel.Wɔn a wofi Asaf abusua mu yɛ:Sakaria ne Matania.

AKCB: 14AKCB

Wɔn a wofi Heman abusua mu yɛ:Yehiel ne Simei.Wɔn a wofi Yedutun abusua mu yɛ:Semaia ne Usiel.

AKCB: 15AKCB

Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfo Lewifo, na wodwiraa wɔn ho. Na afei, wofii ase dwiraa Awurade Asɔredan no sɛnea ɔhene no hyɛe no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii Awurade ahyɛde no so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn dwumadi no mu.

AKCB: 16AKCB

Asɔfo no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kodwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wohui no fii hɔ de baa Asɔredan no adiwo. Lewifo no twee ne nyinaa fii hɔ, kɔtow guu Kidron Bon mu.

AKCB: 17AKCB

Wofii dwumadi no ase wɔ da bi a ɛwɔ ɔsram a edi kan no mu. Na da a ɛto so awotwe no, na wɔadu Awurade Asɔredan no ntwironoo mu hɔ. Na wɔde nnafua awotwe bio dwiraa Awurade Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ewiee dwumadi no nyinaa.

AKCB: 18AKCB

Na Lewifo no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛnea dwumadi no akosi kyerɛɛ no. Wɔkae se, “Yɛadwira Awurade Asɔredan no, ɔhyew afɔrebɔ afɔremuka no a nneɛma ahorow ka ho ne Daa Daa Brodo pon no ne ɛho nneɛma ho.

AKCB: 19AKCB

Afei nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee bere a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakogye ne nyinaa. Ne nyinaa gu Awurade afɔremuka no anim a wɔadwira ho na wobetumi de adi dwuma biara.”

AKCB: 20AKCB

Ade kyee anɔpahema no, ɔhene Hesekia boaboaa kurow no mpanyimfo ano ne wɔn kɔɔ Awurade Asɔredan no mu.

AKCB: 21AKCB

Wɔde anantwinini ason, adwennini ason, nguantenmma ason ne mpapo ason bae sɛ, ahenni, asɔredan no ne Yuda bɔne ho afɔrebɔde. Ɔhene no hyɛɛ asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo sɛ wɔmfa mmoa no mmɔ afɔre wɔ Awurade afɔremuka no so.

AKCB: 22AKCB

Na wokunkum anantwinini no, na asɔfo no de mogya no petee afɔremuka no so. Afei, wokunkum adwennini no de wɔn mogya petee afɔremuka no so. Na awiei no, wɔde nguantenmma no yɛɛ saa ara.

AKCB: 23AKCB

Wɔde mpapo a wɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔre no baa ɔhene no ne ɔmanfo no anim ma wɔde wɔn nsa guu wɔn so.

AKCB: 24AKCB

Afei, asɔfo no kunkum mpapo no sɛ bɔne ho afɔrebɔ, de wɔn mogya petee afɔremuka no so, sɛ bɔne ho mpata maa Israel nyinaa. Ɔhene no sii so dua sɛ, saa ɔhyew ne bɔne ho afɔrebɔ no, wɔmmɔ mma Israel nyinaa.

AKCB: 25AKCB

Afei, ɔhene Hesekia de Lewifo no gyinagyinaa Awurade Asɔredan no mu. Ɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Odii ahyɛde a Awurade nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhumuni ne odiyifo Natan so de maa Dawid no so.

AKCB: 26AKCB

Afei, Lewifo no faa Dawid nnwontode no kogyinagyina wɔn gyinabea wɔ Asɔredan no ho. Saa ara nso na asɔfo no faa wɔn ntorobɛnto kogyinagyina wɔn afa.

AKCB: 27AKCB

Afei, ɔhene Hesekia hyɛɛ sɛ wɔmfa ɔhyew afɔre no nsi afɔremuka no so. Bere a wɔde ɔhyew afɔre no reba no, wofii ase too ayeyi nnwom maa Awurade, na wɔde ntorobɛnto ne Israelhene Dawid nnwontode no gyigyee ho.

AKCB: 28AKCB

Bagua no sɔree Awurade bere a na nnwontofo no reto nnwom, na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara kosii sɛ ɔhyew afɔrebɔde no nyinaa sae.

AKCB: 29AKCB

Na ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa kotow somee.

AKCB: 30AKCB

Ɔhene Hesekia ne ne mpanyimfo hyɛɛ Lewifo no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhumuni Asaf de, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigye kamfoo Awurade, na wɔkotow sɔree.

AKCB: 31AKCB

Afei, Hesekia de too gua se, “Ɔsom no aba awiei. Momfa mo afɔrebɔde ne mo aseda mmra Awurade Asɔredan mu.” Enti ɔmanfo no de wɔn afɔrebɔde ne wɔn aseda afɔrebɔde bae, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyew afɔrebɔde nso kaa ho.

AKCB: 32AKCB

Ɔmanfo no de anantwinini aduɔson, adwennini ɔha ne nguantenmma ahannu sɛ ɔhyew afɔrebɔde brɛɛ Awurade.

AKCB: 33AKCB

Wɔsan de anantwinini ahansia ne nguan mpensa baa sɛ afɔrebɔde.

AKCB: 34AKCB

Nanso na asɔfo a wɔwɔ hɔ no sua sɛ wobetumi asiesie ɔhyew afɔre no nyinaa nti, wɔn abusuafo Lewifo no boaa wɔn kosii sɛ dwumadi no baa awiei. Wɔtew asɔfo no pii ho ansa na wɔreboa dwumadi no, efisɛ na Lewifo no adwene wɔ wɔn ahotew so sen asɔfo no.

AKCB: 35AKCB

Na ɔhyew afɔre ne daa nsa afɔre no buu so. Saa ara nso na asomdwoe afɔre srade nso yɛɛ bebree.Enti wosiesiee Awurade Asɔredan no maa ɔsom no.

AKCB: 36AKCB

Na Hesekia ne ɔmanfo no nyinaa gyee wɔn ani wɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no ho, efisɛ wowiee biribiara ntɛm.