Skip to main content

Scripture

Beresosɛm Nhoma A Ɛto So Abien 17

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Beresosɛm Nhoma A Ɛto So Abien 17 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Asa babarima Yehosafat bedii nʼade sɛ ɔhene. Ɔhyɛɛ Yuda den, sɛnea obetumi agyina Israel ɔfow biara ano.

AKCB: 2AKCB

Oduaduaa asraafodɔm wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. Ɔde asraafodɔm kumaa bi kɔɔ Yuda asase so ne Efraim nkurow a nʼagya Asa ako agye no so.

AKCB: 3AKCB

Na Awurade ka Yehosafat ho, efisɛ ɔyɛɛ sɛnea nʼagya Asa yɛe wɔ ne mfe a edi kan no mu, na wansom Baal ahoni no.

AKCB: 4AKCB

Ɔhwehwɛɛ nʼagya Nyankopɔn, na odii nʼahyɛde so a wanni Israel ahenni mu nneyɛe no akyi.

AKCB: 5AKCB

Enti Awurade maa Yehosafat Yudaman so ahenni no timii. Nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa brɛɛ Yehosafat akyɛde, ma ɔyɛɛ ɔdefo, na wɔde nidi maa no.

AKCB: 6AKCB

Ofi ne koma nyinaa mu nantew Awurade akwan so. Obubuu abosonsomfo nsɔree so, na ɔsɛee Asera nnua no.

AKCB: 7AKCB

Yehosafat ahenni mfe abiɛsa so no, ɔsomaa ne mpanyimfo ma wɔkɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Yuda nkurow nyinaa so. Ne mpanyimfo no ne Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia.

AKCB: 8AKCB

Ɔsomaa Lewifo a wɔn din didi so yi kaa wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya. Ɔsomaa asɔfo Elisama ne Yehoram nso.

AKCB: 9AKCB

Wɔfaa Awurade mmara a wɔatintim nhoma no de kyinii Yuda nkurow nyinaa so, kyerɛkyerɛɛ nnipa no.

AKCB: 10AKCB

Na afei, ɛmaa Awurade ho suro tɔɔ ahenni a atwa ahyia no nyinaa so, nti obiara amfa ɔko ankɔ Yehosafat so.

AKCB: 11AKCB

Filistifo no bi brɛɛ no akyɛde ne dwetɛ sɛ sonkahiri, na Arabfo brɛɛ no adwennini mpem ason ne ahanson ne mpapo mpem ason ne ahanson.

AKCB: 12AKCB

Ɛmaa Yehosafat tumi mu yɛɛ den, na ɛkɔɔ so yɛɛ den ara ma osisii aban ne nnuan adekoradan wɔ Yuda nkuropɔn nyinaa so.

AKCB: 13AKCB

Ɔkoraa nneɛma bebree wɔ Yuda nkurow mu, na ɔmaa asraafo a wɔyɛ den tenaa Yerusalem.

AKCB: 14AKCB

Wogyinaa agyanom mmusuakuw so gyee asraafo.Yuda abusua mu, na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa (300,000)a wɔakyekyɛ wɔn mu akuwakuw apem (1,000). Adna na na ɔyɛ wɔn so sahene.

AKCB: 15AKCB

Onipa a na odi ne so ne Yehohanan a na odi asraafodɔm mpem ahannu aduɔwɔtwe (280,000) so.

AKCB: 16AKCB

Nea odi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔre maa Awurade adwuma a na odi asraafodɔm mpem ahannu (200,000) so sahene.

AKCB: 17AKCB

Benyamin abusua asraafodɔm no,na wɔn dodow yɛ mpem ahannu (200,000) a wɔwɔ agyan ne nkatabo. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛ.

AKCB: 18AKCB

Nea odi hɔ ne Yehosabad a otua asraafo mpem ɔha aduɔwɔtwe (180,000) a wɔada wɔn ho so ama akodi no ano.

AKCB: 19AKCB

Eyinom ne asraafodɔm a wɔtenaa Yerusalem som ɔhene, ne wɔn a Yehosafat de wɔn duaduaa nkurow a wɔabɔ ho ban wɔ Yudaman mu no.