Skip to main content

Scripture

Samuel Nhoma A Edi Kan 3

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Samuel Nhoma A Edi Kan 3 Bible text

AKCB: 1AKCB

Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, som Awurade. Saa bere no na asɛm a wɔte fi Awurade nkyɛn ne anisoadehu yɛ ade a ɛho yɛ na.

AKCB: 2AKCB

Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afura koraa no kɔdae nkyɛe koraa.

AKCB: 3AKCB

Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumii. Saa bere no na Samuel da Ahyiae Ntamadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no.

AKCB: 4AKCB

Prɛko pɛ, Awurade frɛe se, “Samuel! Samuel!”Samuel buae se, “Mini.”

AKCB: 5AKCB

Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me.”Eli nso buaa no se, “Memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.” Enti ɔsan kɔdae.

AKCB: 6AKCB

Awurade san frɛɛ bio se, “Samuel!”Bio, Samuel san yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me?”Eli buaa no se, “Me ba, memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.”

AKCB: 7AKCB

Na Samuel nnya nhuu Awurade, efisɛ na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da.

AKCB: 8AKCB

Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae se, “Mini; wofrɛɛ me.”Ɛhɔ na Eli huu sɛ ɛyɛ Awurade na ɔrefrɛ abarimaa no.

AKCB: 9AKCB

Enti ɔka kyerɛɛ Samuel se, “Kɔ na kɔda bio, na sɛ wote sɛ obi refrɛ wo a, gye so se, ‘Awurade kasa na wʼakoa retie.’ ” Enti Samuel kɔdaa bio.

AKCB: 10AKCB

Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio se, “Samuel! Samuel!”Na Samuel buae se, “Awurade kasa na wʼakoa retie.”

AKCB: 11AKCB

Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Merebɛyɛ akomatu ade bi wɔ Israel.

AKCB: 12AKCB

Merebɛyɛ nea maka atia Eli ne nʼabusuafo no nyinaa.

AKCB: 13AKCB

Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree sɛ, atemmu reba ɔne nʼabusuafo so, efisɛ ne mmabarima abɔ mmusu atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn.

AKCB: 14AKCB

Na maka ntam se, Eli ne ne mmabarima bɔne no, sɛ wɔbɔ okum afɔre anaa aduan afɔre koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da.”

AKCB: 15AKCB

Samuel daa hɔ ara kosii sɛ ade kyee. Obuebuee ntamadan hɔ mfɛnsere sɛnea ɔtaa yɛ no. Na osuro sɛ ɔbɛka asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli.

AKCB: 16AKCB

Nanso Eli frɛɛ no se, “Samuel, me ba.”Samuel buae se, “Mini!”

AKCB: 17AKCB

Eli bisaa no se, “Asɛm bɛn na Awurade ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. Sɛ wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso.”

AKCB: 18AKCB

Enti Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee anhintaw no. Eli ka sɔw so se, “Ɔne Awurade; ma ɔnyɛ nea eye wɔ nʼani so.”

AKCB: 19AKCB

Awurade kaa Samuel ho wɔ ne nyin mu, na biribiara a Samuel kae no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa.

AKCB: 20AKCB

Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, efi Dan asase wɔ atifi kosi anafo no, na wonim sɛ wɔahyɛ Samuel Awurade diyifo.

AKCB: 21AKCB

Awurade kɔɔ so daa ne ho adi wɔ Silo, na ɔnam nʼasɛm so daa ne ho adi kyerɛɛ Samuel wɔ ntamadan mu hɔ.Na Samuel asɛm baa Israelman mu nyinaa