Skip to main content

Scripture

Petro Nhoma A Edi Kan 5

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Petro Nhoma A Edi Kan 5 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me a meyɛ ɔpanyin no, mitu asafo no mu mpanyimfo fo se, meyɛ Kristo amanehunu no ho dansefo nti nʼanuonyam a wɔbɛda no adi no bɛka me bi. Mitu mo fo se,

AKCB: 2AKCB

monyɛ nguan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nguanhwɛfo na monhwɛ wɔn yiye sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ no. Monyɛ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara, na mmom pɛ ara na mopɛ sɛ moyɛ. Adom ne asomdwoe mmunkam mo so.

AKCB: 3AKCB

Monnhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no so, na mmom monyɛ nhwɛso pa mma nguan no.

AKCB: 4AKCB

Na sɛ Oguanhwɛfo panyin no ba a, wɔbɛma mo anuonyam ahenkyɛw a ɛrempa da.

AKCB: 5AKCB

Saa ara na ɛsɛ sɛ mo a moyɛ mmabun no, mobrɛ mo ho ase ma mpanyimfo. Mo nyinaa mfa ahobrɛase nkataanim mmɔ mo asen na monsom mo ho mo ho efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se,“Onyankopɔn siw ahantanfo kwanna ɔdom ahobrɛasefo.”

AKCB: 6AKCB

Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wɔ mu no ase, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo so wɔ bere a ɛsɛ mu.

AKCB: 7AKCB

Momfa mo dadwen ne mo haw nyinaa nto ne so, efisɛ odwen mo ho.

AKCB: 8AKCB

Mo ani nna hɔ; monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobɔ mu hwehwɛ nea obenya no amene.

AKCB: 9AKCB

Momfa gyidi nnyina pintinn nsiw no kwan efisɛ munim sɛ mo nuanom agyidifo a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa rehu saa amane koro no ara bi.

AKCB: 10AKCB

Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam mu wɔ Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma moanya nnyinaso.

AKCB: 11AKCB

Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen.

AKCB: 12AKCB

Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me ma mekyerɛw saa krataa tiaa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na midi adanse se eyi yɛ Onyankopɔn adom kann. Munnyina mu dennen.

AKCB: 13AKCB

Asafo a Onyankopɔn ayi wɔ Babilonia no ne me ba Marko kyia mo.

AKCB: 14AKCB

Momfa ɔdɔ atuuyɛ wɔ Kristo mu nkyiakyia mo ho mo ho.Asomdwoe nka mo a mowɔ Kristo mu no nyinaa.