Skip to main content

Scripture

Ahemfo Nhoma A Edi Kan 4

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ahemfo Nhoma A Edi Kan 4 Bible text

AKCB: 1AKCB

Enti Ɔhene Salomo dii Israel nyinaa so hene.

AKCB: 2AKCB

Na eyinom ne ne mpanyimfo:Sadok babarima Asaria.

AKCB: 3AKCB

Sisa mmabarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asennii akyerɛwfo no.Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛm kyerɛwfo.

AKCB: 4AKCB

Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ asraafo so sahene no;Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfo.

AKCB: 5AKCB

Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansin amradofo titenani.Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfo no, na na ɔyɛ ɔhene fotufo a ɔde ne ho to ne so.

AKCB: 6AKCB

Ahisar na na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo.Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so.

AKCB: 7AKCB

Na Salomo wɔ amansin amradofo dumien wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wogye nnuan fi ɔmanfo nkyɛn de kɔma ahemfifo. Wɔn mu biara hwɛ di saa dwuma yi ɔsram baako wɔ afe biara mu.

AKCB: 8AKCB

Saa amradofo dumien no din na edidi so yi:Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔw asase so.

AKCB: 9AKCB

Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.

AKCB: 10AKCB

Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so.

AKCB: 11AKCB

Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babea Tafat).

AKCB: 12AKCB

Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafo ne nkurow a efi Bet-Sean, de kosi Abel-Mehola, tra kosi Yokmeam akyi no so.

AKCB: 13AKCB

Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead, a Yair nkurow a wɔde too Manase babarima Yair a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apon asisi ano no ka ho.

AKCB: 14AKCB

Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim.

AKCB: 15AKCB

Na Ahimaas wɔ Naftali. Ɔno nso waree Salomo babea Basmat.

AKCB: 16AKCB

Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot.

AKCB: 17AKCB

Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar.

AKCB: 18AKCB

Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin.

AKCB: 19AKCB

Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so.

AKCB: 20AKCB

Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodow te sɛ mpoano nwea. Nea wonya di ne nea wonya nom no, na wɔn ani sɔ.

AKCB: 21AKCB

Salomo dii ahemman nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate kosi Filistifo asase so, de kosi Misraim hye so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de sonkahiri brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so som no ne nkwanna nyinaa.

AKCB: 22AKCB

Nnuan a na wohia daa wɔ Salomo ahemfi no yɛ asikresiam pa susukoraa ɔha ne aduonum ne atokosiam susukoraa ahaasa,

AKCB: 23AKCB

anantwi a wɔadodɔ wɔ buw mu du, anantwi a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nguan anaa mmirekyi ɔha, atwe, nnowa, awansan ne nkokɔ a wɔadodɔ.

AKCB: 24AKCB

Na Salomo amantow no yɛ ahenni ahorow a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔe fam nyinaa de fi Tifsa kosi Gasa. Na asomdwoe wɔ asase no so mmaa nyinaa.

AKCB: 25AKCB

Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa bammɔ tenaa ase asomdwoe mu. Na efi Dan kosi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fi ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuw.

AKCB: 26AKCB

Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumien.

AKCB: 27AKCB

Amansin mu amradofo na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasennii nnuan pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn ɔsram ɔsram nnuanma no mu.

AKCB: 28AKCB

Na wɔde atoko ne sare a ɛho hia brɛ adehye apɔnkɔ no wɔ wɔn nnae.

AKCB: 29AKCB

Onyankopɔn maa Salomo nyansa, ntease ne nhumu a emu nni hwehwɛbea.

AKCB: 30AKCB

Nokware, na ne nyansa no boro anyansafo a wɔwɔ apuei ne anyansafo a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so.

AKCB: 31AKCB

Na onim nyansa sen obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmabarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so.

AKCB: 32AKCB

Obuu mmɛ mpem abiɛsa, na ɔkyerɛw nnwom apem ne anum.

AKCB: 33AKCB

Na otumi ka afifide biara ho nsɛm, efi Lebanon sida so de kosi adwerɛ a efifi ɔfasu mpaapae mu so. Na otumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsumnam ho nsɛm nso.

AKCB: 34AKCB

Enti na ahemfo a wɔwɔ aman afoforo so tu wɔn ananmusifo ba Salomo nkyɛn betie ne nyansasɛm no bi.