Skip to main content

Scripture

Ahemfo Nhoma A Edi Kan 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ahemfo Nhoma A Edi Kan 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

Dawid rebewu no, ɔde adwuma hyɛɛ Salomo nsa sɛ:

AKCB: 2AKCB

“Merekɔ faako a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefo biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ,

AKCB: 3AKCB

na yɛ nea Awurade, wo Nyankopɔn, hwehwɛ sɛ woyɛ. Nantew nʼakwan so, na di ne mmara ne nʼahyɛde so sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so wɔ biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso.

AKCB: 4AKCB

Sɛ woyɛ eyi a na Awurade bedi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no so se, ‘Sɛ wʼasefo hwɛ wɔn asetena, na wofi wɔn koma ne wɔn kra nyinaa mu nantew nokware mu wɔ mʼanim a, wɔn mu baako bɛtena Israel ahengua no so.’

AKCB: 5AKCB

“Wunim se Seruia babarima Yoab kum mʼakofo asahene baanu no a ɛyɛ Ner babarima Abner ne Yeter babarima Amasa no. Okunkum wɔn, hwiee wɔn mogya gui, asomdwoe bere mu a ɛnyɛ ɔko bere mu, na ɔde wɔn mogya kekaa nʼabɔso a ɛbɔ nʼasen mu ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan so.

AKCB: 6AKCB

Wo ne no nni, na mma no mfa ne ti dwen nkɔ ɔda mu asomdwoe mu.

AKCB: 7AKCB

“Na yɛ Barsilai a ofi Gilead no mmabarima adɔe, na ma wɔnka wɔn a wodidi wɔ wo didipon so no ho. Bere a miguan fii wo nuabarima Absalom ho no, wɔyɛɛ me adɔe.

AKCB: 8AKCB

“Kae Gera Benyaminni a ofi Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me denneennen, da a mereguan akɔ Mahanaim no. Na obehyiaa me wɔ Yordan no, mede Awurade din kaa ntam sɛ, Merenkum no.

AKCB: 9AKCB

Nanso ntam no mma onni bem. Woyɛ onyansafo na wubehu ɔkwan a wobɛfa so aka ne mogya agu.”

AKCB: 10AKCB

Na Dawid wui, na wosiee no wɔ Dawid kurom.

AKCB: 11AKCB

Odii hene wɔ Israel mfe aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, odii Hebron so mfe ason na Yerusalem nso, odii ade mfe aduasa abiɛsa.

AKCB: 12AKCB

Enti Salomo tenaa nʼagya Dawid ahengua so, na nʼadedi ase timii yiye.

AKCB: 13AKCB

Na Hagit babarima Adoniya kɔɔ Salomo ne na Batseba nkyɛn. Batseba bisaa no se, “Wobaa no asomdwoe so ana?”Obuaa no se, “Ɛyɛ asomdwoe so.”

AKCB: 14AKCB

Na ɔka kaa ho se, “Mepɛ sɛ woyɛ me adɔe bi.”Na Batseba bisae se, “Adɔe bɛn.”

AKCB: 15AKCB

Adoniya kae se, “Sɛnea wunim no, na ahemman no yɛ me dea. Na Israel nyinaa hwɛ me kwan sɛ wɔn hene. Nanso nneɛma sesae, na ahemman no kɔɔ me nuabarima nkyɛn, efisɛ Awurade pɛ no saa.

AKCB: 16AKCB

Mprempren, ade baako na mepɛ sɛ mesrɛ wo. Mfa nkame me.”Ɔkae se, “Wutumi ka.”

AKCB: 17AKCB

Na ɔtoaa so se, “Kɔsrɛ ɔhene Salomo ma me, na ɔremfa dekode no nkame wo. Ka na ɔmfa Abisag Sunamni no mma me sɛ me yere.”

AKCB: 18AKCB

Na Batseba buae se, “Eye mɛka ho asɛm akyerɛ ɔhene ama wo.”

AKCB: 19AKCB

Enti Batseba kɔɔ ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔrekɔkasa ama Adoniya. Ɔhene no sɔree sɛ ɔrebehyia no, bɔɔ ne mu ase ansa na ɔretena nʼahengua so. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa agua mmrɛ ɔhene na, na ɔtenaa ɔhene nifa so.

AKCB: 20AKCB

Ɔka kyerɛɛ ɔhene se, “Mewɔ ade ketewaa bi srɛ wo, na mfa nkame me.”Ɔhene no buaa no se, “Ka, me na. Meyɛ ama wo.”

AKCB: 21AKCB

Enti ɔkae se, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya aware.”

AKCB: 22AKCB

Ɔhene Salomo bisaa ne na se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛno de, sɛ wubebisa ahemman nso ama no. Wunim sɛ ɔyɛ me nua panyin na ɔsɔfo Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!”

AKCB: 23AKCB

Na ɔhene Salomo de Awurade din kaa ntam se, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisade yi so a, Onyankopɔn ne me nni no dennen so pa ara.

AKCB: 24AKCB

Na mprempren de, mmere dodow a Awurade te ase yi, ɔno a watim mʼase wɔ mʼagya Dawid ahengua so, na wabɔ me fie ahenni mu nnidiso atenase ama me, sɛnea ɔhyɛɛ me bɔ no, Adoniya de, twa ara na etwa sɛ owu nnɛ yi ara.”

AKCB: 25AKCB

Enti, Salomo hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia sɛ onkum no, na okum Adoniya.

AKCB: 26AKCB

Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, “San kɔ wo kurom Anatot. Wofata sɛ wuwu, nanso merenkum wo mprempren, efisɛ, wosoaa Awurade Tumfo Adaka no maa mʼagya, na wo ne no nyinaa na muhuu amane wɔ nʼabɛbrɛsɛ nyinaa mu.”

AKCB: 27AKCB

Enti Salomo nam so dii mmara a Awurade hyɛɛ wɔ Silo fa Eli asefo ho no so.

AKCB: 28AKCB

Ɛwɔ mu, mfiase no na onni Absalom akyi, nanso Yoab de ne ho kɔdɔm Adoniya atuatew no. Bere a Yoab tee Adoniya wu no, otuu mmirika kɔɔ Awurade ntamadan kronkron no mu, na okosusoo mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no mu.

AKCB: 29AKCB

Bere a ɔhene Salomo tee asɛm yi, ɔsomaa Yehoiada babarima Benaia sɛ onkokum no.

AKCB: 30AKCB

Na Benaia kɔɔ Awurade ntamadan kronkron no mu kɔka kyerɛɛ Yoab se, “Ɔhene se fi adi.”Nanso Yoab buae se, “Dabi, mewu wɔ ha.”Enti Benaia san kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa asɛm a Yoab aka no kyerɛɛ no.

AKCB: 31AKCB

Ɔhene no tee asɛm a Yoab kae no, ɔka kyerɛɛ Benaia se, “Yɛ nea ɔkae no. Kum no wɔ afɔremuka no ho, na sie no. Eyi beyi adwenhare mogyahwiegu ho afɔdi afi me ne mʼagya fifo so.

AKCB: 32AKCB

Na Awurade betua no kum a okum mmarima atreneefo ankasa baanu a na woye sen no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel asraafo so sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda asraafo so sahene no wu ho hwee.

AKCB: 33AKCB

Yoab ne nʼasefo de, saa awudi ahorow yi ho afɔdi ntena wɔn so, na Awurade mma Dawid ne nʼasefo ne nʼahengua asomdwoe afebɔɔ!”

AKCB: 34AKCB

Enti Yehoiada babarima Benaia san kɔɔ ntamadan kronkron no mu, kokum Yoab, na wosiee Yoab wɔ ne kurom wuram baabi.

AKCB: 35AKCB

Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ onsi Yoab anan sɛ ɔsahene. Na oyii ɔsɔfo Sadok de no sii Abiatar anan mu.

AKCB: 36AKCB

Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no se, “Si ofi wɔ Yerusalem ha na tena mu. Na mfi kurow no mu nkɔ baabiara.

AKCB: 37AKCB

Na da a wubetwa Kidron bon no, wubewu; na wo mogya begu wʼankasa wo ti so.”

AKCB: 38AKCB

Na Simei buae se, “Wʼatemmu no yɛ kronkron. Biribiara a me wura ɔhene bɛhyɛ sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti Simei tenaa Yerusalem kyɛe yiye.

AKCB: 39AKCB

Na mfe abiɛsa akyi no, Simei asomfo baanu guan kɔɔ Gathene Akis, Maaka babarima nkyɛn. Bere a Simei huu faako a wɔwɔ no,

AKCB: 40AKCB

ɔhyehyɛɛ nʼafurum, kɔɔ Gat, kɔhwehwɛɛ wɔn. Ohuu wɔn no, ɔde wɔn san baa Yerusalem.

AKCB: 41AKCB

Salomo tee sɛ Simei afi Yerusalem akɔ Gat asan aba no,

AKCB: 42AKCB

ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Simei bae, na obisaa no se, “Mamma woanka ntam Awurade din mu sɛ, worenkɔ baabiara, na sɛ anyɛ saa a, wubewu? Na wubuae se, ‘Atemmu no yɛ kronkron; na medi asɛm a woaka no so.’

AKCB: 43AKCB

Adɛn nti na woanni wo ntam no so amma Awurade, na woanyɛ mʼahyɛde?”

AKCB: 44AKCB

Na ɔhene no ka kaa ho se, “Akyinnye biara nni ho sɛ wokae amumɔyɛ a woyɛɛ mʼagya, ɔhene Dawid. Awurade bɛtwe wʼaso wɔ ho.

AKCB: 45AKCB

Na me de, menya Awurade nhyira, na daa Dawid aseni atena ahengua no so.”

AKCB: 46AKCB

Na ɔhene no hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia ma ɔfaa Simei de no fii adi kokum no.Enti ahemman no tim wɔ Salomo nsam.