Skip to main content

Scripture

Yohane Nhoma A Edi Kan 1

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yohane Nhoma A Edi Kan 1 Bible text

AKCB: 1AKCB

Yɛrekyerɛw mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ hɔ fi mfiase; nea yɛate, nea yɛde yɛn ani ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, eyi ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no.

AKCB: 2AKCB

Nkwa no daa ne ho adi; yɛahu na yɛadi ho adanse, na yɛka nkwa a enni awiei a na ɛwɔ Agya no nkyɛn na wɔada no adi akyerɛ yɛn no kyerɛ mo.

AKCB: 3AKCB

Yɛkaa nea yehui na yɛtee no kyerɛɛ mo nso, sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne yɛn bɛyɛ adedifo wɔ ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo wɔ no mu.

AKCB: 4AKCB

Yɛrekyerɛw eyi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn anigye bewie pɛyɛ.

AKCB: 5AKCB

Afei, eyi ne asɛm a yɛate afi ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amanneɛ. Onyankopɔn yɛ hann a sum nni ne mu koraa.

AKCB: 6AKCB

Na sɛ afei yɛka se yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa bere koro no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atoro wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛe mu.

AKCB: 7AKCB

Na sɛ yɛte hann mu sɛnea ɔte hann mu no a, ɛno de na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu no mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.

AKCB: 8AKCB

Sɛ yɛka se yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokware no nni yɛn mu.

AKCB: 9AKCB

Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnte nyinaa ho.

AKCB: 10AKCB

Sɛ yɛka se yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma Onyankopɔn yɛ ɔtorofo a nʼAsɛm no nni yɛn mu.