Skip to main content

Scripture

Paulo Nhoma A Edi Kan A Ɔkyerɛw Kɔmaa Korintofo 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Paulo Nhoma A Edi Kan A Ɔkyerɛw Kɔmaa Korintofo 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

Anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokware kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so.

AKCB: 2AKCB

Meyɛɛ mʼadwene sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afi biribiara gye Yesu Kristo nko; na ne titiriw no, ne wu wɔ asennua no so no.

AKCB: 3AKCB

Enti bere a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛw a ehu ne ahopopo aka me.

AKCB: 4AKCB

Na nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so, na mmom menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi.

AKCB: 5AKCB

Enti mo gyidi nnyina onipa nyansa so, na mmom egyina Onyankopɔn tumi so.

AKCB: 6AKCB

Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyinyin wɔ Honhom mu. Nanso saa nyansa no nyɛ wiase nyansa anaa wiase yi mu tumi ahorow a wɔn tumi resa no.

AKCB: 7AKCB

Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahintaw nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dedaw sɛ yɛn anuonyam ahyɛde ansa na wɔrebɔ wiase.

AKCB: 8AKCB

Aman sodifo biara nnim saa nyansa no. Sɛ wonim a anka wɔremmɔ Awurade a anuonyam ahyɛ no ma no asennua mu.

AKCB: 9AKCB

Kyerɛwsɛm no ka se,“Nea onipa biara anhu na wante da,nea onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no,ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.”

AKCB: 10AKCB

Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn.Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kosi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so.

AKCB: 11AKCB

Onipa de, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na enim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na enim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa.

AKCB: 12AKCB

Ɛnyɛ wiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛnea ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa.

AKCB: 13AKCB

Enti ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokware reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no.

AKCB: 14AKCB

Nanso obi a onni Honhom no rentumi nnya akyɛde a efi Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente ase da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, efisɛ wogyina Honhom no nko so na wobetumi anya ntease a ɛsɛ.

AKCB: 15AKCB

Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn.

AKCB: 16AKCB

Kyerɛwsɛm no ka se,“Hena na onim Awurade adwene?Hena na obetumi atu no fo?”Nanso yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene no bi.