Skip to main content

Scripture

Paulo Nhoma A Edi Kan A Ɔkyerɛw Kɔmaa Korintofo 16

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Paulo Nhoma A Edi Kan A Ɔkyerɛw Kɔmaa Korintofo 16 Bible text

AKCB: 1AKCB

Asɛm a ɛfa tow a wobeyi de aboa Onyankopɔn asafomma a wɔwɔ Yudea ho no ni: Ɛsɛ sɛ moyɛ nea meka kyerɛɛ Galati asafo ahorow sɛ wɔnyɛ no bi.

AKCB: 2AKCB

Kwasida biara sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛnea meba mo nkyɛn a ɛremma munyi tow.

AKCB: 3AKCB

Sɛ meba hɔ a mɛkyerɛw adansedi krataa de asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabegye mo akyɛde no de akɔ Yerusalem.

AKCB: 4AKCB

Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.

AKCB: 5AKCB

Sɛ mifi Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, efisɛ mɛfa hɔ.

AKCB: 6AKCB

Ebia medi nna kakra wɔ mo nkyɛn, anaa mpo medi awɔwbere no wɔ mo nkyɛn, na moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ.

AKCB: 7AKCB

Mempɛ sɛ midi nna tiaa bi wɔ mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidaso sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛ.

AKCB: 8AKCB

Nanso mɛtena Efeso ha yi akosi Pentekoste da no.

AKCB: 9AKCB

Ɛwɔ mu sɛ wɔn a wɔasɔre atia me no dɔɔso de, nanso akwan pa a metumi afa so adi dwuma pa wɔ ha.

AKCB: 10AKCB

Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔho, efisɛ ɔreyɛ Awurade adwuma sɛnea meyɛ yi ara.

AKCB: 11AKCB

Obiara mmu no abomfiaa, na mmom mommoa no na ontu ne kwan yi asomdwoe mu na watumi asan abɛka me nsa, efisɛ merehwɛ ɔne anuanom no anim.

AKCB: 12AKCB

Onua Apolo nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a wɔaka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba mprempren ara. Sɛ onya kwan de a, ɔbɛba.

AKCB: 13AKCB

Monwɛn, momma mo gyidi mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na munnya ahoɔden.

AKCB: 14AKCB

Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.

AKCB: 15AKCB

Munim Stefana ne ne fifo ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdan bɛyɛɛ Kristofo kan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfo. Mesrɛ mo, me nuanom,

AKCB: 16AKCB

sɛ mommrɛ mo ho ase mma nnipa a wɔte saa ne wɔn a wodi saa dwuma no bi no.

AKCB: 17AKCB

Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbae no ho. Wobesii mo anan

AKCB: 18AKCB

na wɔama mʼani agye sɛnea wɔmaa mo ani gyei no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.

AKCB: 19AKCB

Asafo a wɔwɔ Asia no kyia mo.Akwila ne Priska ne asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso kyia mo.

AKCB: 20AKCB

Anuanom a wɔwɔ ha no kyia mo.Momfa ɔdɔ nkyiakyia mo ho mo ho.

AKCB: 21AKCB

Me ara me nsa ano nkyerɛw ni: Me Paulo, mikyia mo.

AKCB: 22AKCB

Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!”

AKCB: 23AKCB

Awurade Yesu adom mmra mo so.

AKCB: 24AKCB

Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen.