Skip to main content

Scripture

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 16

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Beresosɛm Nhoma A Edi Kan 16 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kosii ntamadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Onyankopɔn anim.

AKCB: 2AKCB

Dawid wiee no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Awurade din mu.

AKCB: 3AKCB

Na ɔkyɛɛ Israelfo mmea ne mmarima nyinaa aduan. Obiara nyaa brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam.

AKCB: 4AKCB

Dawid yii saa Lewifo yi sɛ wonni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Nyankopɔn ase na wɔnkamfo no.

AKCB: 5AKCB

Asaf a na ɔda kuw yi ano no bɔɔ kyɛnkyɛn no. Na nʼabediakyirifo yɛ Sakaria a ɔto so abien, afei Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten.

AKCB: 6AKCB

Na Asɔfo Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.

AKCB: 7AKCB

Saa da no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo:

AKCB: 8AKCB

Da Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.Ma wiase nyinaa nhu nea wayɛ.

AKCB: 9AKCB

Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no;monka nʼanwonwade no nyinaa.

AKCB: 10AKCB

Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya koma mu anigye.

AKCB: 11AKCB

Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;na monhwehwɛ nʼanim bere biara.

AKCB: 12AKCB

Monkae anwonwade a wayɛ,ne nsɛnkyerɛnne ne atɛn a obui.

AKCB: 13AKCB

Mo Israelmma, Onyankopɔn somfo,Yakob mma a wapaw wɔn.

AKCB: 14AKCB

Ɔyɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn;nʼahenni da adi wɔ asase so nyinaa.

AKCB: 15AKCB

Ɔkae nʼapam daa nyinaa,asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoantoaso apem no.

AKCB: 16AKCB

Eyi ne apam a ɔne Abraham yɛene ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.

AKCB: 17AKCB

Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ;

AKCB: 18AKCB

“Mede Kanaan asase no bɛma wosɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapade.”

AKCB: 19AKCB

Ɔkaa eyi bere a na wɔnnɔɔso,ahɔhokuw ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.

AKCB: 20AKCB

Wofii aman so kɔɔ aman so,fii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.

AKCB: 21AKCB

Nanso wamma obi anhyɛ wɔn so;wɔn nti, ɔkaa ahene anim se;

AKCB: 22AKCB

“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo,na monnyɛ mʼadiyifo bɔne bi.”

AKCB: 23AKCB

Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade!Da biara, mompae mu nka asɛmpa no sɛ ogye nkwa.

AKCB: 24AKCB

Mommɔ nʼanuonyam nneyɛe ho dawuru wɔ amanaman mu.Monka anwonwade a ɔyɛ nkyerɛ obiara.

AKCB: 25AKCB

Awurade yɛ ɔkɛse! Na nkamfo fata no!Ɛsɛ sɛ wosuro no sen anyame nyinaa.

AKCB: 26AKCB

Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa,nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro!

AKCB: 27AKCB

Anuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia,ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenae.

AKCB: 28AKCB

Momfa mma Awurade, Amanaman mmusuakuw,momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.

AKCB: 29AKCB

Momfa anuonyam a ɛfata mma Awurade!Momfa mo afɔrebɔde mmra mmɛsom no.Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.

AKCB: 30AKCB

Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim.Wɔatim wiase dennen a entumi nhinhim.

AKCB: 31AKCB

Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛw ne ho!Momma aman nyinaa nte sɛ, Awurade yɛ ɔhene.

AKCB: 32AKCB

Momma ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa nteɛ mu nkamfo no.Momma mfuw ne wɔn nnɔbae mfa ahosɛpɛw mpue.

AKCB: 33AKCB

Momma kwae nnua nnyigyeinyɛ ayeyi Awurade anim!Efisɛ ɔrebebu asase atɛn.

AKCB: 34AKCB

Monna Awurade ase, efisɛ oyena nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 35AKCB

Monteɛteɛ mu se, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagye Onyankopɔn!Boa yɛn ano, na gye yɛn fi amanaman nsam,na yɛatumi ada wo din kronkron ase,na yɛadi ahurusi akamfo wo.”

AKCB: 36AKCB

Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn,emfi mmeresanten nkosi nnasanten.Na nnipa no nyinaa gyee so se, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.

AKCB: 37AKCB

Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ nea ehia sɛ wɔyɛ no da biara.

AKCB: 38AKCB

Saa kuw yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifo aduosia awotwe a wɔyɛ apon ano hwɛfo.

AKCB: 39AKCB

Dawid de ɔsɔfo Sadok ne ne mfɛfo asɔfo tenaa Awurade Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ bepɔw Gibeon no, sɛ wɔnsom wɔ Awurade anim wɔ hɔ.

AKCB: 40AKCB

Anɔpa ne anwummere biara, wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadi no so. Na wodii biribiara a wɔakyerɛw sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so.

AKCB: 41AKCB

Dawid san yii Heman, Yedutun ne afoforo bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔe no tim hɔ daa.”

AKCB: 42AKCB

Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow de gyigyee ayeyi nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na woyii Yedutun mmabarima ma wɔyɛɛ apon ano hwɛfo.

AKCB: 43AKCB

Na nnipa no nyinaa san kɔɔ wɔn afi mu. Dawid nso san kɔɔ ne fi, kohyiraa ne fifo.